First print 2006
© Sarpong, Samuel
All right reserved.
No part of this publication may be reproduced, stored in a
retrieval system or transmitted in any form or by any
means, electronic mechanical, and photocopy, recording
or otherwise without the prior permission of the author.
For all enquires contact
Tel. +17032178016
www.samuelsarpong.org
E-mail:[email protected]
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
i
NNIANIMU
Akanfoɔ wɔ amammerɛ ahodoɔ bebree a nananom de
agya nkyirimma. Saa amammerɛ yi mu biara wɔ ne nhyehyɛeɛ
ne kasa a yɛde adwini (style and structure). Kasasu ne
nhyehyɛeɛ yi na ma yɛhunu sɛ biribi bi yɛ nsaguo na ɛyɛ
anansɛsɛm. Nhyehyɛeɛ ne kasasu yi na ɛma yɛhunu
amammerɛ pɔtee a yɛreka ho asɛm. Ɔtwerɛfoɔ yi ato ne bo
ase ahwɛ saa nhyehyɛeɛ ne kasasu ahodoɔ yi wɔ ɔfa a edi
kan no mu. Nwoma yi botaeɛ titire ne sɛ ɛbɛboa asuafoɔ ama
wɔahunu kasadwini su wɔ amammerɛ ahodoɔ mu na ɛnam so
ama asuafoɔ ahunu sɛdeɛ wɔbɛsi ayɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ
kasadwini ahodoɔ mu.
Nwoma yi, amammerɛ wɔ mu.
Nwoma yi, amanneɛ wɔ mu.
Nwoma yi, nimdeɛ ahyɛ mu ma.
Kan nwoma yi bi, ɔkyerɛkyerɛni na
ɛbɛboa wo wɔ adekyerɛ mu.
Kan nwoma yi bi, osukuuni na dabi
woanka sɛ mehunuiɛ a anka.
Kan nwoma yi bi me dɔfo na ebia na ahi
ato wo.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
ii
ASEDA
Maseda a ɛdi kan kɔ ma Onyankopɔn Tweaduampɔn
Kwame wɔ n’adom ne n’akwankyerɛ, hwɛsie ne banbɔ
sononko a ɔde adom me.
Mpanin se “Ansa na kɔkɔsakyi bεhuri asi akyea-kyea
ne ho no na εfiri Damfo-Adu”. Megyina saa bε yi so de aseda a
enni kabea ma Awuranom Baafoɔ Kwaku Agyeman, Kwabena
Asiama, ne Nana Kessie wɔ mmoa a wɔde boaa me wɔ saa
dwumadie yi mu. Wɔn ne awuranom a mekɔtoo wɔn wɔ Simpa
sukuupɔn no mu na wɔyεε me atuu de me dɔɔ sukɔ wɔ ɔkasa
no mu san tenetenee mfomsoɔ pii maa me. Ɔbaa Adwoa (Mrs.
Antwi-Danso) me werɛ remfirii wo.
Ɔbenefoɔ Kofi Agyekum (University of Ghana, Legon)
sε manna wo ase a, εneε na εte sε masa akapoma a mannwa
mu, saa Ɔpanin yi nkyɛn na me ne kasadwini bɔɔ mpu-ne-mpu
maa menyaa saa nimdeɛ yi. Ɔpanin sɛ obi ma nwoma yi so na
ɔrekan a na waseda ne no.
Maseda bio kɔ ma me na Eno Abenaa Koɔ, m’agya
Kwaku Ata, Me nuanom Maame Birago, Owura Annin, Agya
Oduro, Afia Serwaa ne me wɔfaase Agya Nsowaa. Afei me
werε remfiri m’asukuufoɔ a na daa wɔbisa me saa nwoma yi
ho asεm.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
iii
DINTOכ
Meto nwoma yi din de hyε m’agya
Akwasi Tawia (Sir John) animuoyam.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
iv
Ɛmu nsεm
1.1 KASADWINI ……………………………………….1
1.2 Kasadwini Ahodoɔ…….. 1......................................
1.3 Atwerε Kasadwini ………………………………….2
1.4 Anomsεm Kasadwini …………………………….2
1.5 Nneεma ahodoכ a wכahyehyε wכ
Anomsεm Kasadwini mu ………………………….3
1.6 Nneεma ahodoכ a εma Anomsεm
Kasadwini da nso.... ...........................................3
1.7 Nneεma titire a εwכ Anomsεm kasadwini mu......4
1.7.1 Ɔyεfo5.………………………………...………… כ
1.7.2 Ɔyεkyerε …...…………………………………….5
1.7.3 Bεhweadefoכ / Atiefo5.................................... כ
1.7.4 Nweguwotirim ..................................................6
1.7.5. Nsaeε .............................................................6
1.7.6 Nsεm mu adaneadane ……..……………….....7
1.7.7. Bere ne Beaε .................................................7
1.7.8. Ɔman / Amansan Agyapadeε ........................7
1.8 Kasasu ne Nhyehyεeε .......................................8
1.9 Nhyehyεeε .........................................................12
Nsɛmmisa……………………………….…….......12
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
v
2.1 Ɛbɛ.....................................................................13
2.2 Ɛbε Ahodo13....................................................... כ
2.2.1 Ɛbε Turodoo....................................................14
2.2.2 Asεm-Sε-Bε……..….....………………………...14
2.2.3 Nnyeso – bε….........….………………………...14
2.2.4 Abεbudeε……………….…………..…………...15
2.3 Ɛbε Botaeε ne εho mfaso15…..…….………….....כ
2.4 Berε ne Beaeε a wobu bε..……………………....16
2.5 Ɛbε mu Nsεntitire...............................................17
2.6 Hwan ne εbε wura..............................................18
2.7 Ɛbε Nhyehyεeε ..................................................18
2.8 Ɛbε Kasasu .......................................................20
2.9 Mmε Nnanemu ..................................................22
2.10 Nsɛmmisa………………………………….........23
3.1 ANANSESƐM….………………….…….…….......26
3.2 Ɛdeεn ne Anansesεm?.......................................27
3.3 Anansesεm botaeε ............................................28
3.4 Nsεntitire / nsεmpכ a εwכ anansesεm mu..........28
3.5 Anansesεm nhyehyεeε ……...……………..……29
3.6 Anansesεm mma ..............................................30
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
vi
3.7 Anansesεm mma ahodo30.....….…………..…… כ
3.8 Anansesεm mu nnwom…………...……………..30
3.9 Anansesεm mu nnwom ho mfaso34……..……...כ
3.10 Anansesεm kasasu ………………...……..…..34
3.11 Nneεma ahodoכ a etumi pue wכ
anansesεm kasasu mu…………….....….…….34
3.12 Nsɛmmisa…………………………………….....35
4.1NTAM................................................................36
4.2 Ntam abכseε – Ɛdeεn nti na yεfrε no ntam?.....37
4.3 Akanfoכ adwene wכ ntam ho……………..…....37
4.4 Ntam ahodo39….….……...………………………כ
4.5 Ntam kεseε ho asotwe......................................42
4.6 Ntanka mu ntam ahodo43..................................כ
4.7 Ntam mu כyεkyerε............................................45
4.8 Ntam mu nsεntitire…………………………...….46
4.9 Ntam nhyehyεeε ………………………….....….45
4.10 Ntam kasasu..................................................46
4.11 Nsɛmmisa………………………………….…..47
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
vii
5.1NSUIƐ .............................................................49
5.2 Nsuiε ahodo50....................................................כ
5.2.1 Benab50..........................................................כ
5.2.2 Agyaadwoɔ....................................................50
5.2.3 Kwadwom/nkankyeε......................................50
5.3 Berε a yεte osu.................................................50
5.4 Nsuiε mu כyεkyerε............................................50
5.5 Nsuiε ne Anomsεm kasadwini
ahodoכ mu twaka...........................................53
5.6 Nsuiε botaeε....................................................54
5.7 Nsuiε mu nsεntitire / nsεmp54...........................כ
5.7.1 Owufo55.........................................................כ
5.7.2 Nsamanfo58...………………………………… כ
5.7.3 Owufoכ no nkyi……………………………….60
5.7.4 Akanfoכ gyidie ne wכn nimdeɛ
ahodoכ wכ nsuiε mu.......................................61
5.8 Nsuiε nhyehyεeε ............................................63
5.9 Nsuiε kasasu……...........................................65
5.10 Nsɛmmisa…………..…………..…………….66
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
viii
6.1 ABƆFODWOM .........................................67
6.2 Hwan ne כbɔfo67........................................כ
6.3 Asommכfoכ nkyekyεmu….........................68
6.4 Abכfodwom botaeε…................................68
6.5 Abכfodwom mu nsεntitire. ……….....…….69
6.6 Abכfodwom nkyekyemu………………..….70
6.6.1 Atirimpaeε………..………………..…......70
i) Atrimpae nkyekyεmu............................71
a) Aho ...........................................................71
b) Nkankyeε...................................................73
6.6.2 Agorכnnwom ........................................74
6.7 Abכfodwom kasasu..................................79
6.8 Nsɛmmisa…………………………..………79
7.1 ABISAA NE ABORƆME.........................80
7.1.2 Botaeε / Mfaso80.....……….……………כ
7.1.3 Ɔyεkyerε..............................................80
7.1.4 Berε a yεgoro abisaa...........................81
7.1.5 Nsεm titire a yεbisa abisaa fa ho.........81
7.1.6 Abisaa nkyekyεmu...............................81
(a) Abisaa tiawa ................................82
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
ix
(b) Abisaa tenten anaa nyansap82.……..כ
7.1.7 Nhyehyεeε ..............................................83
7.2.1 ABORƆME..............................................84
7.2.2. Botaeε....................................................84
7.2.3 Ɔyεkyerε..................................................85
7.2.4Nsɛm titire ...............................................85
7.5 Nsɛmmisa……………………………………85
8. AKANFOƆ BOSOME/ASRAM DIN……......86
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
1
1.1 KASADWINI (Literature)
Kasadwini yɛ nsɛmfua mmienu a yɛka abɔ mu;
kasa ne ɛdwini. Sɛdeɛ ɛdwini biara wɔ ne din no saa
ara na ɔkwan a yɛbɛfa so adwene kasa nso tumi kyerɛ
biribi pɔtee. Yɛde kasa tumi di ɛdwini ma ɛyɛ yie.
Sɛdeɛ ɔwenfoɔ redi ɛdwini a ɔhyehyɛ no fa no saa ara
na obi a ɔde kasa redi ɛdwini nso wɔ nhyehyɛeɛ
sononko a ɔfa so hyehyɛ ne nsɛm. Twifoɔ ahyehyɛ
nsɛm bi a sɛ wote pɛ wohunu no ɛyɛ wei anaa sɛ wei.
Sɛ obi te sɛ ofoforɔ reka sɛ; “Onyankopɔn Kwame nsa,
asaase Yaa nsa” a, ɛhɔ ara otumi hunu sɛ oniiko no
reyi apaeɛ. “Ɛnyɛ Kwaku Ananse na..” prɛko pɛ yɛka
sɛ ɔreto anansesɛm. Aden ntira? ɛfiri sɛ ɛwɔ kwan a
ɛmu biara nhyehyɛeɛ teɛ ne kasa ko a yɛde ahyehyɛ.
Ne korakora no kasadwini yɛ kasa a yɛde ade a ɛdwini
ma obiara hunu ɛdwini pɔtee no.
Kasadwini yε bכsrεmuka nsεm bi a obi ahyε da
anwene a εda abrabכ mu osuahunu bi adi. Ne saa nti
no, Akanfoכ kasadwini dodoכ no ara yε bכsrεmuka
nsεm bi a Akanfoכ nam osuahunu ne nyansa so
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
2
anwene ato hכ a εda Akanfoכ abrabכ mu osuahunu bi
adi.
Bio, Kasadwini ne abrabכ mu osuahunu bi a εfa
nnipakuo bi ho a wכde kasa ahyehyε anaa anwene ato
hɔ. Kasadwini taa da nnipakuo bi abrabכ mu nsεm,
anyamesom mu gyidie, nnwuma, mmoa ne nnua a
εtwa wכn ho ahyia, abrabכ mu nneεma a atwa wכn ho
ahyia ne wכn gyidie a εfa Onyankכpon ne sunsum
nkaeε no ho adi.
1.2 Kasadwini Ahodoɔ (Types of Literature)
Akanfoכ wכ kasadwini ahodoכ mmienu, weinom ne;
a) Atwerɛ kasadwini (written Literature)
b) Anomsεm kasadwini (Oral literature)
1.3 Atwerε Kasadwini
Sε yεka deε yeatwerε a na yereka deε yɛatintim
agu krataa so, a yεtumi ma so kan. Ne saa nti no εwכ
.כanaa atwerεfo כtwerεfoכ
1.4 Anomsεm Kasadwini (Oral Literature)
Anomsεm kasadwini yε bכsrεmuka nsεm bi a
yεahyehyε ato hכ a εda abrabכ mu osuahunu bi adi a
wכn ntwerεeε.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
3
Akanfoכ kasadwini dodoכ no ara na εyε anomsεm.
Mpεn pii no, anomsεm kasadwini taa fa nea εdidi soכ
yi bi ho;
a) Onyankopכn
b) Ewiem atumfoɔ / ahonhom
d) Nnipa asetena mu nsεm
e) Afifideε
ɛ) Mmoa
f) Abכdeε mu nneεma ahodoɔ a atwa yεn ho ahyia
1.5 Nneεma ahodoכ a wכahyehyε wכ anomsεm
kasadwini mu (Types of Genre)
Nneɛma ahodoɔ a wɔahyehyɛ wɔ anomsɛm
kasadwini mu bi na ɛdidi soɔ yi:
a) Anansesεm
b) Ɛbε
d) Ntam
e) Nsuiε
ɛ) Abisaa ne Abrɔme
f) Nnwom ahodoכ
Abɔfodwom
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
4
Kwadwom
Asafodwom
Nnwonkorכ ne ade.
1.6 Nneεma ahodoכ a εma anomsεm kasadwini da
nso
Akanfoכ wכ akwanhodoכ a wכfa so da nneεma
bi a εkכ so wכ wכn abrabכ mu adi. Wכnam anomsεm
a wכahyehyε ato hכ so na εda wכn gyidie, wכn
nwuma, Onyankopכn, tumi ahodoכ, nnipa asetena mu
nsεm ne nea εkeka ho adi. Saa nneyɔeε ahodoכ anaa
akwan ahodoכ a wכnam so da nneεma yi adi no yε
nneεma a yεntwerε ntoo hכ. Ɛyε nneεma a Akanfoכ ka
anaa wɔbe anaa wɔbɔ wɔ twene so..
Ɔkwan titire baako a Akanfoכ nam so ma nneεma yi
ka hכ ne akaakaeε. Ne saa nti, anomsεm kasadwini
gyina akaakaeɛ so. Sε εbεyε na akaakae yi atim nti,
εwכ ne nhyehyεeε ne akwan a wכfa so nnwene ma
kwan aכ kasa neכ tumi kae. Bio, nso ɛgyina כmanfoכ
yεfa so de di agorכ no so. (Nneεma mmiεnsa a εsε sε
yεhyε no nso ne; כkasa, nhyehyεe, ne agorכ kwan so.)
1.7 Nneεma titire a εwכ anomsεm kasadwini mu
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
5
(The major charateristics of oral literaturre)
1. Ɔyεfoכ (Peformer)
2. Ɔyεkyerε (Performance)
3. Atiefoכ/ Bεhwεadefoכ (Audience)
4. Nweguwotirim (Memorisation)
5. Nsaeε (Composition)
6. Nsεm Nnanemu (Verbal Variation)
7. Bere ne Beaε (Setting)
8. Amansan agyapadeε (Anonymity)
9. Kasasu ne (Style)
10. Nhyehyεeε (Structure)
1.7.1 Ɔyεfoכ (Performer)
Anomsεm kasadwini mu no, כyεfoכ yi yε obi
anaa onipa ko a כde anomsεm yi to dwa. Saa nnipa yi
bi ne obi a ɔreto anansesɛm, ɔrebubɛ, ɔreka ntam ne
ade. Saa nipa yi ntaa nyε nipahunu biara na mmom
εsε sε כyε obi a;
wakwadare wכ kasa no mu.
כyε onyasafoכ ne nimdefoכ.
n’abrabכ tene na εyε susudua.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
6
כwכ כyεkyerε mu nimdeε.
onim honam ani kasa.
otumi we nsεm gu ne tirim.
1.7.2 Ɔyεkyerε (Performance)
Wei yε כkwan a כyεfoכ no fa so da anomsεm
kasadwini ahodoכ no adi (enactment).
Ɔyεkyerε no na eyi asεm no adi kann. Egyina nnoכma
bi te sε כkasa so, εnne mu nsakraeɛ (changes in
voice). Ɔkasa no mu no כyεfoכ no yi nyegyeeε a
εkyerε ne ho ase (ideophones) adi. Sɛnipa, abirabɔ,
abebuo, kasakoa ne ade nso tumi yi wɔn ho adi wɔ ha.
1.7.3 Bεhweadefoכ / Atiefoɔ (Audience)
Nnipa a wכtie anaa wכhwε anomsεm bi mu
Mpεn pii no, saa nnipa .כyεkyerε no ne bεhwεadefoכ
yi wכ nkɛntɛnsoɔ wכ כyεfoכ no so, (extend some
influence on the perfomer). Afei wɔtumi yɛ deɛ ɔyɛfoɔ
no reyɛ no bi. Agorכ no yieyε ne ne nkכsoכ fa titire no
ara gyina saa nkorכfokuo yi so.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
7
Wכn nneyεeε ne wכn anim nsakraeɛ anaa wכn
ahokeka tumi ma כyεfoכ no dane ne nsa.
Bio, bεhweεdefoכ no tumi nya kyεfa wכ כyεkyerε bi mu
anaa sε wכtumi dane כyεfoכ nsε so, ne titire
anansesεm toכ mu berε a yerebכ mmכguo.
1.7.4 Nweguwotirim (Memorisation)
Wei ne כkwan a כyεfoכ no nam so kyere
anomsεm bi mu nsεm gu ne tirim, sε εbεyε a ne berε
mu no כbεtumi aka biribiara pεpεεpε a n’ano mfomfom.
Ɛfiri sε, εto da bi na n’ano fom a, otumi nya amane wכ
ho. Biribi te sε apaeɛ sεε, εsε sε כyεfoכ no tumi ka
biribiara frenkyemm anaa pεpεεpε. Ɛyɛ abakɔsɛm na
ɔrekeka a ɛwɔ sɛ ɔka no nnidisoɔ nnidisoɔ.
1.7.5. Nsaeε (Composition)
Wei nso ne כkwan a כyεfoכ no tena ase keka
nsεm bi bobכ mu de bi femfam ho nwene ma εyε dε yε
hwam ma εtכ aso mu.
Parry ne Lord aka ato hכ sε, nsaeε ne כyεkyerε ba so
bere korכ no ara mu wכ anomsεm kasadwini mu. Ne
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
8
saa nti anomsεm kasadwini tumi nya nnanemu wכ
berε a כyεkyerε bi rekכ soכ mu. (Composition and
performance are co-temporal in oral literature)
1.7.6 Nsεm mu adaneadane (Verbal Variability)
Berε, beaε ne ahwεfoכ tumi ma כyεfoכ bi
danedane nsεm titire bi mu wכ anomsεm kasadwini
mu. Ɛnam sε anomsεm kasadwini nyε deɛ yεatwerε nti
no nsakraeɛ tumi ba mu ɛsiane berε, beaeε ne afie
bεhwεadefoכ nti.
1.7.7. Bere ne Beaε (Setting)
Berε ne beaε kyerε sεnea כyεfoכ no bεsae
anomsεm no. Anomsεm ahodoכ pii no ara na εyi ne ho
adi wכ berε ne mmeaε ahodoכ pכtee ase. Sε כyεfoכ to
anansesεm bi wכ ahemfie a, εbεyε sononko wכ bere a
.fie כreto anansesεm korɔ no ara wכ
1.7.8. Ɔman / Amansan Agyapadeε (Anonymity)
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
9
Anomsεm kasadwini yε כman adeε bi a yεn
nananom ahyehyε ato hכ ama nkyirimma. Ne saa nti
no, yεfa no sε mpanimfoכ dea.
Yεde mpanimfoכ din to so ma emu yε duru, sε εba saa
a, nokorε ag eiyiyg en mu, efiri sε Abibiman mu
mpanimfoכ wכ obuo, tumi ne animuoyam pii. Bio,
esiane sε εyε adeε bi a obi aka akyerε obi na כno nso
reka akyerε ne yכnko nti, yεntaa nhu nnipa pכtee a
.kaa no kaneכ
1.7.9 Kasasu (Style)
Kasasu yε כkwan a כyεfoכ no nam so de kasa
no di adwini fa. Ɔkwan a ɔyɛfoɔ no fa so tase nsɛmfua
ahodoɔ bi de di dwuma wɔ kasadwini mu. ɔyɛfoɔ bi
tumi tase edin +adeyɛ +edin bi te sɛ: Ɔkɔtɔ nwo
Anomaa, Nanso sɛ ɔkanni ba bi te saa ɔkasamu yi a,
preko pɛ ɔhunu sɛ ɛbɛ. Saa mfoni a ɔkasamu yi twa
kyerɛ ɔkanni ma ne hunu sɛ ɔkasamu bi yɛ ɛbɛ,
sɛnipa, nyinahɔma ne deɛ ɛkekaho no na yɛfrɛ no
adwene mu mfoni no. Saa nawna ahodoכ yi gyina deɛ
edidi soכ yi bi so;
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
10
a) Nsεmfua ahodoכ – Diction
b) Nsεmfua nkabom – Compounding
d) Adwene mu mfoni –Imagery
a) Nsεmfua ahodoכ –Diction / Lixicology
Wei yε akwan ahodoכ a כyεfoכ no nam so pa
nsεmfua ma anomsεm kasadwini yε dε na εyε hwam
nso.
b) Nsεmfua nkabom –Compounding
Wei nso ne כkwan a כyεfoכ fa so keka nsεmfua
bobכ mu ma εyε dε na εtכ aso mu.
Se ebia;
Ɔ/ se |adeε |yכ
Ɔ/ korכ |man |sa
Ka/ ntam/ a (ɔ)nto
Saa nhyehyεeε yi nyinaa ba kasasu mu ma כkasa no
yε dε san yε hwam.
d) Adwene mu mfoni - Imagery
Weinom ne nnoɔma a yɛgyina so de di
kasadwini bi mu dwuma. Nsɛmfua ne kasamu ahodoɔ
a ɛwɔ kasadwini biara mu no, saa adwene mu mfoini
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
11
yi na yɛhwɛ de kyerɛkyerɛ mu ma no tɔ aso mu. Ɛmu
bi ne deɛ edidi soכ yi.
i. Ntotohosεm (Simile)
s.e Ɔbaa no te sε gyata
ii. Kasadε (Persuation)
iii. Nnyinahoma (Metaphor)
s.e Ɔbaa no yε gyata (כbaagyata)
iv. Anoteε ne neεeub kasa (Oratory)
v. Abεbuo ahodoכ (Proverbs)
vi. Kasakoa (Idioms)
Ɛyɛ asɛm a yɛnwae anim nka no pen anaa asɛm
bia a yɛfura no ntoma a ne nteaseɛ yɛ tena.
vii. Nnyegyeε a εkyerε ne ho ase (Idiophone)
viii. Anihanehane (Hyperbole)/Ntrεha (Exageration)
Sɛ yɛbɛka asɛm bi ama no ayɛ hu. Sɛ ebia: Kwaku
Ananse prapraa nyansa nyinaa boa ano guu toa mu.
ix. Kasabrani (Euphemism)
x. Nsεngorכ / serewa (Pun/Playing on words)
Sε gyae saa yε annyaeε
saa yε a, gyae saa ka
nso nnyae saa ka.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
12
xi. Abirabכ (Oxymoron/Contrast/Opposite)
Asɛmfua bi a ɛnyɛ pɛ nanso eyi adwene koro adi. Sɛ
yɛbɔ baako din a ɛtɛm pa ara na yɛkae baako. Sɛ
ebia:
s.e. Ɔbaakokכnini
Ɔbaabarima
Akwadaanyame
xii. Ntimu ahodoכ (Repetition)
Asɛm a yɛka na yɛsan aka no bio. ɛtumi mpo yɛ
ngyegyeɛ bi ntimu mu, anom ngyegyeɛ
(Assonance,)anaa ɛhwenim deɛ(Alliteration).
xiii. Sεnipa (Personification)
Sɛ yɛde biribi gyina hɔ ma nnipa anaa biribi tumi
nnipa su. Sɛ ebia: mframa de huuhuu pɛ adeɛ a onya.
xiv. Nsawכsoכ (Parallelism)
a) Benkum dware nifa
Na nifa adware benkum
b) Makukuru akכ
Makukuru aba
xv. Ɔkasamu ahodoכ (Types of Sentence)
xvi. Tete kasa (Achaism)
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
13
xvii. Nsɛmmisa a ɛnhia mmuaeɛ (Rhotoric question)
1.7.10 Nhyehyεeε (Structure)
Wei gyina hכ ma nnoכma mmiεnsa;
i. Ahyεaseε
ii. Mfinimfini
iii. ewygeε
Sε ebia; Anansesεm ne Abisaa anaa Agya rekorכ.
1.10 Asεmmisa
Ɛdeεn ne Anomsεm kasadwini?
Kyerε nneεma atitire num a εda nso wכ ho.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
14
2.1 ƐBƐ (PROVERBS)
Ɛbε yε sabuakwan a Akanfoכ nam so da nsεm bi
adi a ne nteaseε no ani nna hכ fann.
Ɛbε yε nsεntia bi a yεn nananom abכ ne pכ de ato
hכ ama nkyiremma a εda abrabכ anaa asetena mu
osuahunu bi adi.
Ɛyε nsεntia bi a εyε כkasa mu abohemaa a εma
kasa yε dε yε hwam na etwa nsεm tia.
Ɛbε yε abrabכ mu nyansahunu anaa adwene mu
nsεm a εda ɔman bi anaa nnipakuo bi nyansa,
suban, nneyεeε ne wכn asetena mu nsεm adi.
Ɛyε nsεntia bi a yεde tu fo na ne nkyerεaseε ntaa
nnyina εbo korכ so. Asεm korכ a yebu ho bε no na
eyi nkyeraseε no adi. Wie nti na yetumi bu εbε
baako bere ahodoכ bebree mu no.
2.2 Ɛbɛ Ahodoכ
Akanfoכ mmε gu ahodoכ nnan. Weinom ne nea edidi
soכ yi:
(a) Ɛbε turodoo (b) Asεm –sε –bε
(d) Nnyeso-bε, (e) Abεbudeε
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
15
2.2.1 Ɛbɛ Turodoo
Sεnea ne din teε no, εbε turodoo yε εbε pכtee anaa
frenkyemm a εda abrabכ mu nsεm adi. Ɛyε εbε ɛmu
nsɛm da adi kann (a εda ne ho adi) anaa prεko. Wei
ne εbε a εtaa dככso wכ Akanfoכ mmε mu. εbε turodoo
taa yε sεnnahכ.
Sε ebia;
i) Ɔkכtכ nnwo anomaa
ii) Bεdε ayeyie ne sumina so.
2.2.2 Asεm-Sε-Bε
Ɛbε a n’abכseε no taa yε anansesεm anaa osuahunu
bi a mpanimfoכ nam so aka no sε εbε de tu fo. εbε a
yeyi firi asεm a asi pεn bi mu.
Sε ebia;
i) Ntim Gyakari asoa ne man akɔbɔ no wɔ fiyiase.
ii) Ɛnyɛ obi na okum Antwi, Boasiako na ɔde ti tiri
gyee akyerɛma.
2.2.3 Nnyeso - bε
Wei yε εbε a εwכ afa mmienu. Nea כka no ma εfa a εdi
kan no so na atiefoכ no de deɛ εtכ so mmienu no atoa
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
16
so. Ne nhyehyεeε nti, yɛfrε no nnyeso-bɛ. Etumi ba sε
nea obuo no ara na כtoa soכ.
Sε ebia;
i) Oyirikayiri: -כbarima rebεwu a na ne yere suro no.
ii) Opuro se kuru: -akכnnכ bεkum ohiani.
iii) Ayε tεfrε ahweaseε: - wammutu a כda ayeya.
2.2.4 Abεbudeε
Wei ne adeε a egyina hכ ma εbε. Akanfoכ tumi de
nneεma bi gyina hכ ma εbε. Nneεma bi te sε, adwinneε
a εwכ akyeame poma so, bamkyiniε so, asεsεdwa,
adinkra, ne adwinneε ahodoכ. Obi nso tumi de biribi
sεn ne dan ano be bu bε.
Sε ebia;
Ahwedepo a εsכ ahoma so- a εkyerε sε;
Ahwedeε Abena כdε nkosi kכn.
2.3 Ɛbɛ Botaeε ne ɛho Mfasoכ
(i) yεde tu fo
(ii) yεde bכ akutia
(iii) yεde si akan
(iv) yεde sua kasa
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
17
(v) yεde ka asεm suma ahɔhoɔ
(vi) yεde moma (bכ abodin)
(vii) yεde si asεm so dua
(viii) yεde twitwa gye yεn ho
(ix) yεde da abכdeε mu nsεm ne wכn suban adi.
(x) yεde kyekyere nnipa werε
(xi) εma atiefoכ dwene
(xii) εma kasa yε dε, yε hwam
2.4 Berε ne Beaeε a wobu bε
Akanfoכ tumi bu bε wɔ asetena mu dwumadie
biara mu. Wei kyerε sε, εbε di akotene wכ Akanfoכ
kasa mu pa ara. Berε ahodoכ a Akanfoכ tumi bu bε no
bi na εdidi soכ yi;
(i) Asεnni berε
(ii) Ahokyerε bere mu
(iii) Berε a yεretu obi fo
(iv) Adwabכ ase
(v) Awaregyeε ne awareguo berε mu
(vi) Ahensie ne ahentuo berε
(vii) Ɔko berε
(viii) Adwumayε berε
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
18
(ix) Ayan mu
(x) Ɛberε a yεrehwehwε amanneε bi akyi kwan
(xi) Nsaguo mu
(xii) Nkכmmכdie mu.
(xiii) Akansie berε
2.5 Ɛbɛ mu Nsεntitire
Akanfoכ tumi bu bε fa deɛ εdidi soכ yi mu biara ho;
(i) Onyankonpכn ne sunsum ahodoכ.
(ii) Mmoa, nnua, nsuo, ne abכdeε mu nneεma.
(iii) Abrabכ mu nneεma ahodoכ.
(iv) Nnipa asetena mu nsεm ne dwumadie
ahodoכ.
(v) Awoכ
(vii) Ɔdɔ
(viii) Owuo
(ix) Ayɔnkogorכ
(x) Ntכkwa
(xii) Ɔtan
(xiii) Awareε
(xiv) Akwadworכ ne ade.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
19
2.6 Hwan ne εbε wura / Authorship
Nnimdefoכ pii taa gye akyinnye wכ εbε wura ho.
Εbinom susu sε εbε biara wכ ne wura a εkyerε sε εbε
biara wכ nnipa a odii kan buiε, nanso dodoכ no ara
nso dwene sε εbε nyinaa yε mpanimfoכ dea. Mmom
etumi ba sε εbε bi wכ hכ a onipa a odii kan buiε no din
bata ho. Sε ebia;
Amanכ kurom Kwadwo pa; כse wo yam yε a
ɛnkyerε sε fa wo yere kyε.
Ɛbε bi nso wכ hכ a, Akanfoכ abu de ahyε mmoa ne
abɔdeε mu nneεma bi ano, nti ne buo mu no, gye sε
wobכ abכdeε korכ din.
Sε ebia;
Okusie se; onya fufuo a anka obedi, nanso
waduro ne wכma na ankכ ne bכn mu.
Abirekyire se; sε כyεε nantwie a anka gye sε ne
nnwoma na εbeduru Asante man mu na yεde
anwene twene.
2.7 Ɛbɛ Nhyehyεeε / Structure
Ɛbɛ nhyehyεε gyina εbε korכ no so.
Sε ebia;
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
20
Mpanimfoכ se…
Abirekyire se…
Nanso sε εyε akansie deε a εwכ ne nhyehyεeε.
Ɛbɛ bebree no ara yε כkasamu tiawa.
Sε ebia ;
Tikorכ nkכ agyina
Ɔkכtכ nwo anomaa
Baanu so a emmia
Ɛbɛ a εte saa no kura εfa baako pε.
Ɛbɛ no bi nso wכ hכ a εyε כkasamu tentene.
Se ebia;
Ɛsono akura, na εsono akura,
εnna εsono abotokura,
na εsono akura kronkronkron.
Nnyeso-bε nso kura afaanu mmienu.
rfכ ε ne nnyesoכ
Ɛbɛ bi nso wכ hכ a ne nhyehyεeε no di nsawכsoכ;
Benkum dware nifa
Nifa dware benkum
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
21
2.8 Ɛbε Kasasu / Style
Ɛnam sε εbε yε kasadwini nti, nsεm ahodoכ a
εwכ kasadwini mu nyinaa tumi pue mu.
Atetesεm ne abakכsεm
Sε ebia;
Ntim Gyakari asoa ne man akכbכ no wכ
Feyiase.
Nsawכsoכ
Sε ebia;
(i) Benkun dware nifa
Nifa dware benkum
(ii) Kukurukukuru no gyae a
kekakeka no begyae
(iii) Gyae saa yε anyae saa yε a,
Gyae ma εnka nso nnyae mma εnka
Sεnnahכ (factual)
Sε ebia;
(i) Sε כkכm de wo a womfa wo nsa mmienu nnidi.
(ii) Ababכne na yεte no kwakwa
Nsεngorכ (Punning)
Sε ebia;
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
22
(i) Ɛsono akura, na εsono akura,
εna εsono abotokura,
na εsono akura kronkronkron.
(ii) Gyae saa yε anyae saa yε a,
gyae saa ka nso nnyae saa ka
Ntimu ahodoכ (all types of repetition)
Sε ebia;
(I) Wokura nanka regyae nanka abεka sε
mehunuiε a anka.
(I) Odum ase fifiri Odum
Sεnipa (Personification)
Sε ebia;
Abirekyire se;
Ɔbarima mfεre adwanee.
Abirabכ (contrast)
Sε ebia;
Ɔkכtכ nwo anomaa
Ɛbε a εkae bε
sε ebia;
(i) wotena baabiara we atadwe a εyε dε
(ii) Wotena baabiara kwa ntwoma a εbere.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
23
(i) Atekanee nte kasεε.
(ii) Obi nni kan ayie ase nkכtena akokכ bini mu.
Ɛbɛ a εwכ bε mu (metalingual-usage; a language to
describe a language) Sε ebia;
(i) Bubε ne tebε te a ntכkwa mpa.
(ii)Ɔba nyansafoכ yεbu no bε na yεnka no asεm.
2.9 Mmε Nnanemu (Proverbs Variations)
Ɛbɛ no bi wכ hכ a ne nkyerεaseε ne ne ka no asesa
kakra. Wei kyerε sε, mfitiaseε no na εwכ sεnea εbε no
teε na εnnε adane anaa asesa kakra. Nea enti a
nεεmafoכ dane mpanimfoכ mmε mu no ne sε, כkasa
nnyini na εnngyina faako.
Sε ebia;
(i) Esie ne kagya nni aseda
Ɔseε ne ka gya nni aseda.
(ii) Kwaakye adeε yε fε a yεde sika na εyε.
Kwankyεn adeε yε fε a yεde sika na εyε.
(iii) Atuduro asa a εnyε Akowua ntoa mu a.
Atuduro asa a εnyε Ako-awu-ntoa mu a.
(iv) Ahweneε te mpanin anim a εbi nnyera.
Ahweneε te mpa anim a εbi nyera.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
24
(v) Kuro biara mmeensɛm wɔ mu.
Kuro biara mensa wɔ mu.
(vi) Sɛ Twumasi ammoa Damte a anka akum amma
Wiase.
Sɛ Twumasi ammɔ dan ante a anka akum amma
wiase.
(vii) Ɔkyeame anim asɛmka, Ɔse Nana woso mu a,
Ɔkyeame a onnim asɛmka, Ɔse Nana woso mu a,
(viii) Dabi asɛm nti na yɛdi kwadu a yɛgya ne hono.
Dadi asɛm nti na yɛdɔ kɔto kwadu a yɛgyam ho.
(iv) Womma wo yɔnkɔ antwa ankɔ wo nso wontwa
nnu.
Womma wo yɔnkɔ antwa nkron a wontwa du.
(v) wofeefee funu ani ase wohunu nsamaa.
wofeefee funi ani na wo hunu saman.
(vi) nsamanpo mu sua koduro wo nni wu a na
wobuasua asa.
nsamanpo mu suduro wo ni wu a wobusua asa.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
25
2.10 Nsεmmisa
A)
(i) Ɛdeεn ne εbε?
(ii) Ma εho mfasoכ num.
(iii) Kyerε berε ahodoכ num a Akanfoכ bu bε, na ma
ɛmu biara ho nhwεsoכ.
(iv) Akanfoɔ wɔ mmɛ bi a nnɛɛmafoɔ adanedane mu,
ma saa mmɛ yi mu nnan ne ne nnanemu.
B)
(i) Akanfoכ mmu bε kwa, kyerε w’adwewne wכ wei ho.
(ii) Ɛdeεn ne εbε?
1. Kyerε botaeε ahodoכ num a Akanfoכ gyina so bu
bε, na ma εmu biara ho nhwεsoכ.
C) Fa Akanfoɔ mmɛ no mu mmienu na kyerɛ
n’abuseɛ. Na kyerɛ bere a yɛbu saa bɛ no.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
26
3.1 ANANSESƐM (FOLKTALES)
Adomankomasɛm pii wɔ anansesɛm ho a sɛ
yɛreka ho asɛm a anka adaagyeɛ bɛbɔ yɛn. Nanso
momma yɛhwɛ ɔkwan a ananse fa so dwene ne
ntentan. Ɔmfa mfiri baabiara, nanso ɔwene ma no yɛ
fa yɛ anika. Mpanin sɛ akɔ-ne-aba ne anwene. Saa
ara nso na ananse de akɔ-ne-aba nwene ne dan. Saa
akɔ-ne-aba yi na ɛma yɛn suahunu. Berɛ a nnipa redi
akɔ-ne-aba nyinaa na abrabɔ no ara na ɔrebɔ.
Ananse yε aboa. Saa nti onipa biara ntee sε
כredi asεm wכ afuo, anaa sε כredכ rekasa anaa sεכ
baabi. Sε ananse anaa sε aboa bi tumi kasa mpo a,
onipa dasani ntumi nte. Sε εte saa dea, adεn nti na
yεka sε anansesεm, na mmom yεnka sε onipa-sεm?
Ɛne sε, sε onipa bi fa כkwan-bכne bi so sisi ne yכnko,
anaa sε כbu ne yכnko kwasea, anaa sε כyε adebכne
bi, anaa sε obi yε asoכden na enti כnya so asotwe a,
yεde ananse ne mmoa bi din si nnipa no anan mu ka
nsεm korכ no de tu nnipa fo. Wכbכ onipa korכ a כyεε
bכne no din de ka asεm no a εbεdane mansotwe.
Mpanimfoכ se, asεmmכne sε hiani. Saa nti yεde bכne
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
27
dodoכ no nyinaa kכgu ananse ne mmoa bi so; Wɔn
de wɔnni tumi biara, anaa sε wכnte nnipa kasa na
wɔatwe ho manso. (Wei firi nwoma bi mu)
Anansesɛm mu nnipa ne mmoa, nyankopɔn ne
sunsum nkaeɛ no tumi di nkutaho. Suban ahodoɔ a
wɔnyi no adie. Mmoa nkumaa no tumi di akeseɛ no
so. Akyekyedeɛ ne kraman. Akyekyedeɛ kɔ n’ase ayie
wɔ bebɔ so.
3.2 Ɛdeεn ne Anansesεm?
Anansesεm yε asetena ne abrabכ mu nsεm bi a
εfa nnipa ho, na yεde mmoa ne abכdeε mu nneεma
agyinagyina hכ ama no. Anansesεm kyerε abכdeε mu
nneεma a ebi fa Onyankכpכn ne sunsum nkaeɛ suban
ho.
3.3 Anansesεm botaeε – (purpose)
1. yεde tu nnipa fo.
2. yεde gye yεn ani.
3. yεde bכ akutia.
4. yεde ka nnipa bom.
5. yεde siri pε anaa sε yεde wεn kuro.
6. yεnam so sua ammammerε.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
28
7. yεnam so sua badwa mu kasa.
8. yεnam so sua nnwom, agorכ ne asa.
9. yεnam so hyε onipa a wabosa nkuran.
10. εyi fεreε firi nnipa binom so.
11. εda Akanfoכ gyidie wכ sunsum ahodoכ mu adi.
12. yεde da asetena mu nsεm bi adi .
13. yεde yi abכdeε mu nneεma bi adi.
14. yεde da nnipa suban bi adi.
15. yεde kamfo Oyankכpכn nsa ano nnwuma.
3.4 Nsεntitire a εwכ anansesεm mu (subject matter)
1. ntכkwa
2. awudie
3. awadeε
4. ahohwibera
5. asisie
6. korכno
7. akwadworכ.
som paכ .8
9. akayε.
10. aniberε
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
29
11. afekubכ
12. atirimuכden
13. seantie
14. ɔsetie
15. hכ wεpa
hyεכ .16
tanכ .17
כdכ .18
19. pεsεmenkomenya
20. nokorεdie
21. ahomasoכ
Nea yεabobכ soכ yi nyinaa kyerε sε, anansesεm da
onipa asetena ne n’abrabכ mu nsεm nyinaa adi.
3.5 Anansesεm nhyehyεeε (structure)
Sεdeε anomsεm kasadwini biara wכ ne nhyehyεeε no,
saa ara na anansesεm nso wכ ne deε.
Yεwכ;
a) mfitiaseε/ ahyεaseε
b) mfinimfini
d) awieeε
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
30
a) Anansesεm ahyεaseε (Introduction)
Akanfoכ wכ akwan ahodoכ bebree a wכnam so fiti
anansesεm ase. Nanso ne nyinaa wɔ ɔfrɛ ne כfrε ne
nnyesoכ. Saa כfrε ne nnyesoכ yi kyerε sε, anansesεm
yε nnipakuo a wכahyia no nyinaa dwumadie na εnyε
abaakofoכ asodie. Bio, εboa twe atiefoכ no adwene kכ
dwumadie no so.
Sε ebia;
!frε – yεnsesε nsesε oכ
nyesoכ- yεsesa soa wo
Akyemfoכ nso ka sε,
“Abraa abraa”
na atiefoכ no agye so sε,
“yon”.
Ɔfoforכ nso tumi firi aseε sε,
merebεkyerε mo nea enti a….!
anaa
monim nea enti a …
akuapɛmfoɔ sɛ asɛm a yɛreka akyerɛ wo yi, yɛrebra
wo sɛ nka nkyerɛ obiara. Asantefoɔ nso sɛ, asɛm a
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
31
yɛrese woɔ yi, yɛnsɛ wo sɛ kɔka. Ne mmienu ka bɔ mu
a, deɛ yɛrebɛ akyerɛ ne sɛ, anansesɛm yɛ nsɛm bi a
yɛka a ɛfa nnipa ho deɛ nanso anansefoɔ, sɛbe
“ɔkwasea na yɛbu no bɛ kyerɛ no aseɛ”. Ne saa nti sɛ
anansesɛm no fa nnipa bi na wonim koraa, ɛsɛ sɛ
wohwɛ no yie na ankɔ pue w’ano.
b) Mfinimfini (Body)
Mfinimfini yi na eyi nsεmtitire a εwכ anansesεm no mu
no adi. Ɛha na nnwom, asa, tweneka, agorɔ ahodoכ,
ne amammerε mu nsεm pue. Ɛha nso na yεhunu
twaka a εda כtofoכ no ne atiefoכ no ntam. Ɛne sε
atiefoכ no yε dinn tie כtofoכ, nti na mpanimfoכ ka sε
anansesεm kyiri kasa.
d) Awieeε (Conclusion)
Ɛha na כtofoכ no de n’asεm no ba awieeε. Osuahunu
ne afotusεm nso pue wכ ha.
Sε ebia;
Ɛnam wei ne wei so nti na…
anaa
Wei nti na mpaninfoכ se…
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
32
(na ebia wכde εbε bi ahyε hכ)
anaa
m’anansesεm a metoeε yi sε εyε dε o! sε εnyε
dε o, ebi nkכ na ebi mmera, mede soa…
3.6 Anansesεm mma (characters)
Anansesεm mma ne abכdeε ahodoכ a εwכ dwuma
ahodoɔ die wכ anansesεm mu.
3.7 Anansesεm mma ahodoכ (types of characters)
a) Opeemu / kyerɛmmerekuku (main character)
Wei ne nea edi anansesεm mma mu akoten. Etumi yε
baako anaa nea εboro saa.
b) Agorכ mma nkumaa (small characters)
Weinom nso ne agorכ mma a wכbεtwa mu a yεnte wכn
nka bio wכ anansesεm mu. Wכn dwumadie no nyε
titire.
3.8 Anansesεm mu nnwom
Anansesεm mu nnwom gu ahodoכ mmiemu. Weinom
ne;
a) anansesεm mu nnwom ankasa
b) mmɔguo
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
33
a) Anansesεm mu nnwom ankasa
Wei ne nnwom a כtofoכ no nko ara na ɔto na sε εwכ
nyesoכ a atiefoכ no agye so. Wei yε anansesεm no fa
baabi a כtofoɔ no pε sε atiefoכ no tie no yie hyε ne nso
na εka wכn tirim. Sε wogya wכ anansesεmtoכ no mu a
εnyε yie.
Nhwεsoכ
1) “Sεsεε Agya kurom yεrewoso nkyε:
Saworowa.
Yεrewoso nkyε:
Saworowa.
E!, yεrewoso nkyε o:
Saworowa. “
2) “Gyae oo, madi m’adeε o,
Gyae oo!
Asכ kyiri-adכ:
Gyae oo, madi m’adeε o,
Gyae oo !
Asכ kyiri-ahyeε:
Gyae oo madi m’adeε o, gyae oo!
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
34
b) Mmכguo
Mmכguo yε nnwom a atiefoכ no na wכpagya na כtofoכ
no pε a wato bi. Mmכguo nyε anansesεm no fa bi, na
mmom ɛka anansesεm ho. Afei nso, yetumi to
mmכguo koro no ara wכ anansesεm ahodoכ pii mu.
Ansa na atiefoכ bεbכ mmכguo no, wכbכ כtofoכ no
nkaeε sε; “Akora sכ wo bodua mu”. Sɛ wɔka saa asɛm
yi a, ɛsɛ sɛ ɔtofoɔ ne gyae anansesɛm no toɔ ma
atiefoɔ no bɔ mmɔguo no
Wכde saa nnwom yi pia nsεm no ma no yε dε. Obi
reyε ada mpo a, nnwom no tumi nyane no. Afei εboa
ma כtofoכ no gye n’ahome na εma no kaakae baabi a
ne werε reyε afirie. Mmכguo no bi na εdidi soכ yi;
1) Odwan dabrε ne bamma so
Woanom nsa aboro a kכ fie kכda
Odwan dabrε ne bema so.
Asכbayerε kantinka ee,
Asכbayerε.
Kukuru to me gya mu.
Asכbayerε kantinka ee,
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
35
Asכbayerε.
3.9 Anansesεm mu nnwom ho mfasoכ
Anansesɛm mu nnwom ankasa ne mmuguo ho wɔ
mfasoɔ pii ɛfiri sɛ;
1. Ɛkanyan atiefoכ a wכn ani aha
2. Ɛde anigyeε ba כtofoכ ne atiefoכ no nyinaa so.
3. Yεnam anansesεm mu nnwom so de anansesεm
no fכre nnipa a ahyia hɔ no nyinaa.
4. Anansesεm mu nnwom ne mmuguo no na εma
amanfoכ sua; tweneka, asa ne nnwontoכ.
5. Ɛma כtofoכ no gye n’ahome na εma כkaakae baabi
a ne were afiri.
3.10 Anansesεm kasasu (style)
Anansesεm kasasu ne nsεmfua ahodoכ,
כa yεahyehyε no w כkasamufa ne kasamu ahodoכ
anansesεm biara mu.
3.11 Nneεma ahodoכ a etumi pue wכ anansesεm
kasasu mu.
1. Ɛbε ahodoכ
2. Kasakoa
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
36
3. Nnyinahכma
4. Ntotohosεm
5. Sεnipa
6. Anihanehane
7. Abirabכ ahodoכ
8. Asεmmisa ahodoכ
9. Ngyegyeε a εkasa
10. Ɛaag aegengε
11. aoyau nhbib כ
Nsεmfua
Nsεnsini
Kasamufa
kasasini
12. Tetekasa
13. Nnεεmmafoכ kasa (neologism)
3.12 Nsεmmisa
1) Anansesεm da Akanfoכ abrabכ mu osuahunu adi
kyerɛ w’adwene. Kyerε anansesεm botae nnan a
wonim.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
37
2) Fa anansesεm tiawa bi yε nhwεsoכ na kyerε ne
nhyehyεeε ne ne kasasu.
3) Adeɛn nti na anansesɛm ha nnipa ho nanso yɛde
mmoa, nnua, nhoma ne nsuo na ahyehyɛ.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
38
4.1 NTAM ( REMINISCENTIAL OATH)
Ntam yε abususεm, atoyerεnkyεm, nkoguo,
amanehunu, awerεhosεm, owufumu, כyaredכm, nsane
yareε, anaa akwanhyia a εtoo onipa bi anaa nnipa bi,
abusua bi anaa כman bi wכ berε bi a atwa mu a ne ya
nti wכmpε sε wכbεte ho nsεm bio.
Ɔmanfoכ gye di sε, sε obi bכ saa asεm yi so a,
saa mmusuo no bεsan aba bio efiri sε yεgye di sε
onipa ano yε bosom na εwכ tumi wכ nea כbεka biara
so.
Ɛnyε amanehunu no ne ntam no ankasa εfiri sε
εno deε yεmpε sε yεbכ din koraa. Mmom ntam no yε
beaeε anaa berε korכ a asεm yea no sii na yεde ayε
amanehunu no agyinahyεdeε. Yεsusu sε, sε obi bכ saa
berε anaa beaeε no so a, כkae ateasefoכ a wכnim
anaa wכate asεm no yea. Wie nti εmma obiara mmכ
so koraa.
Akanfoכ gye di sε, sε obi kכpε ne ho asεm na
hunuu saaכa w כkae nsamanfoכ ,saa asεm yi so a כbכ
amane no yea ma εtumi hyε wכn abufuo ma wכn nso
dane wכn abufuo no ba כkasafoכ ne ateasefoכ no so.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
39
Bio, deɛ enti a εnsε sε obi bכ ntam so ne sε, sε obi bכ
saa nsεm yi so a, εma yεhunu כman no ntwo. Ɔman
biara nso wכ ne ntwo anaa sintכ bi a כmpε sε εda adi
nti sε obi kכbכ so a na wahyε כman no anibere.
Mpo sε εba sε obi bεka ntam po a, onii korɔ no
nka asεm ko pכtee na mmom כka nsεm bi a yεde asi
hɔ ama saa nsεm ko no.
4.2 Ntam abכse – εdεn nti na yεfrε no ntam?
Asεmfua “ntam” firi adeyε asεm “tam” mu “to lift”
(heavy object). Wei nti asεm ntam gyina hכ ma nsεm
bi a emu yε duru anaa εso na εyε den ma onipa ano sε
εbεkukuru anaa εbεpεgya aka ho asεm. Ɔhyɛ kabea bi
nso wɔ ha a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso. Ntam, n no yɛ ɔhyɛ
a yɛreka akyerɛ wo no mfa wo ano aka.
4.3 Akanfoכ adwene wכ ntam ho
Ɛwכ mu sε ntam yε adeε a yεmfa yεn ani nhunu
na afei yεsכ mu a εnyε yie na εnni nkwa deε, nanso
Akanfoכ tumi susu hunu sε εyε adeε bi a aniwa tua na
yεsכ mu a εyε yie. Ɛtכ da bi mpo a, yesusu sε εwכ
nnipa tebea mu.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
40
Yεfa ntam sε εtumi keka ne ho, εnante, epue na
afei etumi wu. Bio yεhu ntam sε edi mu anaa εyε adeε
a εsom bo a εwכ tumi ne nkwa. Ne saa nti no εwכ sε
yεde obuo ne anidie ma no sεdeɛ yεde buo ne anidie
ma Onyankopכn ne sunsum nkaeε no.
Ɛnam weinom nti, ntam bεkכ so atena ase wכ mpεn
dodoכ n Akanman te aseε.
Nsεm ahodoכ a yεde da Akanfoכ adwene a wכwכ wכ
ntam ho adie no bi na ɛdidi soɔ yi:
Odii ntam no ni.
Ɔyεε ntam no aniamככho.
Otiatia ntam so.
Obuu ntam no animtia.
Ɔde ntam asie.
Waka ntam asie.
Waka ntam ahyε.
Ntam apue.
Yεtumi nso de εdin nkyerεkyerεmu ahodoכ kyerεkyerε
ntam mu te sε deɛ yεyε ma nnipa pεpεεpε. Ɛtaa nso ba
sε, saa nkyerεkyerεmu yi taa di adeyε asεm “yε;” akyi.
Ntam mu yε duru
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
41
Ntam yε asεnkεseɛ
Ntam yε abususεm
Ntam yε adeε a…
Ntam yε asεm a …
4.4 Ntam ahodoכ (Types)
Akanfoכ ntam gu ahodoכ titire mmienu.
a) Ntam kumaa
b) Ntam kεseε (Ntam kכkככ)
a) Ntam kumaa
Ntam kumaa ne nsεm bi a εtoo ankorεankorε,
abusua, kuro ketewa anaa odikuro bi. Sε obi ka ntam
kumaa gu ofoforכ so a, emu amanenya ntaa nyε
kuntann. Ɛnam sε ntam kumaa ne כman no akonnwa
nni twaka biara nti, εtכ mmerε bi mpo a amanenya
ntaa mma ho.
Sε obi ka ntam kumaa gu ɔfoforכ so, na onipa
ko no tie no asopa mu, na כyε nea כkasafoכ no de
ntam no rehwehwε a, ntam no twa hɔ ara.
i) Ntam kumaa nhwεsoכ
Sε obi de n’awofoכ abrabכ mu כhaw, yadeε anaa
owuo bεyε ntam. Sε ebia; meka m’agya adaka.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
42
Sε obi de ne yadeε, anaa n’asetena mu nsεm yea
bi bεyε ntam. Sε ebia; meka me yafunu a anwo ba.
Obi nso tumi de n’adwuma mu nsεm yε ntam. Sε
ebia; meka me nsa mu sekan, setia, twerεdua, ne deɛ
εkeka ho.
Sɛ obi de ɔpanin bi a n’anim wɔ nyam bɛka ntam
de atete ne ho. Sɛ ebia; meka agya Asiama nan, gyae
deɛ wode reyɛ me no.
Ɔbosom: meka ɔbosom.........sɛ ɛnyɛ me na meyɛɛ
saa adeɛ a wode reto me so no.
ii) Ntam kumaa tumi
Akanfoכ nim pefee sε ntam kumaa wכ tumi
sεdeε ntam biara wכ tumi no, nanso ntam kumaa
ntumi ntra hyeε, ɛwכ baabi a ne tumi kכpem.
Ne saa nti no, abusua bi ntam korכn wכ abusua
no nko ara so na εntra nkכ abusua foforכ mu. Abusua
panin a כwכ saa abusua no mu no na כka ho asεm.
Bio, agya bi ntumi nka n’ankasa ntam ngu obi ba so.
Mmom כtumi ka gu ne yere anaa ne mma so efiri sε
wכn na wכhyε ntam no ase.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
43
iii) Ntam wura
Ntam biara wכ ne wura. εfiri sε, ntam biara wכ
n’abכseε, na mpεn pii no ntam abכseε gyina onipa bi
so.
Ntam Wura
1. Ɔman bi ntam כmanhene
2. Abusua bi ntam abusuapayini
3. Kuro bi ntam odikuro
4. Ankorεankorε ntam ankorεankorε
b) Ntam kεseε / kכkככ
Ntam kכkככ ne asεm anaa amanehunu bi a
εtoo כman bi anaa כberempכn bi na wכde ayε ntam
ama כman mu no nyinaa. Ɛgyina hכ ma כmanhene
anaa כberempכn bi ntam.
Ntam kεseε biara wכ n’abכseε. Ɛtaa ba sε ntam
kεseε abכseε yε amanehunu bi a εtככ adehye-busua
anaa adehyeε bi na abεyε כman mu no nyinaa ntam.
Akanfoכ amammerε mu no, yεfa no sε, כdehyeε haw
anaa amaneε yε כman mu no nyinaa haw. Ne saa nti
anka εyε asεm a εtoo ankorεankorε bi deε, nanso
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
44
ɛsiane sε כyε כdehyeε nti, abεyε כman mu no nyinaa
ntam.
Ɛtumi nso ba sε, ntam no yε asεm a εtoo כman
mu no berε a εbεyεε כmantease no.
Ntam kɔkɔɔ abכse tumi yε deɛ edidi soכ yi;
כyaredכm
nkoguo
mpatuwuo
amanehunu ahodoכ bi
4.5 Ntam kεseε ho asotwe
Ntam ho asotwe nnyina bo korכ so. Mmom
εgyina ntam korכ a onii korɔ no kaeε ne abusua korכ
no so. Wei kyerε sε, ntam kεseε ho asotwe so kyɛne
ntam kumaa.
Asotwe ahodoכ no bi ne;
nsatuo
sikatua
dwantwa
asutwa
sεpכw / owuo
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
45
4.6 Ntanka mu ntam Ahodoכ
Ɔkwan a nnipa nam so ka ntam no ma yεnya
ntam ahodoכ mmienu. Weinom ne;
a) ntan hunu
b) ntam pa
a) Ntan hunu
Ntan hunu ne sε obi aka ntam wכ mmerε a εnsε
sε anka כka. Bio, sε obi ka ntam wכ atorכsεm ho a,
Akanfoכ fa no sε ntan hunu. Akanman mu no,
aberanteε anaa ɔbabunu nni ho kwan sε wכka ntam
wכ asase ho, εfiri sε, Akanfoכ gye di sε mmabunu nni
asase na wɔrentumi nni ho asεm nso.
Afei Akanfoכ amammerε mma ho kwan mma wכnka
ntam wכ deɛ edidi soכ yi ho;
Abε kכkככ/ Abεdua
Nsafufuo
Anyina
Nwa
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
46
b) Ntam pa – ntanturodoo
Ntampa ne deε amammerε, beaε ne berε ma
obi ho kwan ma כka. Ntampa gu ahodoכ bebree. Sε
ebia;
כhempכn nsuaeε
כhenkumaa nsuaeε
כko berε
כhempכn bi ayie ase
כkכmfoכ foforכ nsuaeε
asεnnibea
ntam a yεde hunahuna / pere adeɛ
a) Ntam a כhene de pere n’agyapadeε
Ɔhene tumi de ntam ma ne manfoכ yε adwuma
bi te sε kwasafodwuma. Ɔtumi de hwehwε obi a
wayera wכ wuram. Yetumi de kכte obi a wahyε
akכmfo. Ɛtumi ba sε, owudini bi bεtena wuram a ,
.hene ka ntam de pam noכ
Ɔhene bεtumi de ntam ama amanfoכ adi amammerε bi
so na afei wɔasan abכ כbra pa. Sε eduru כko so a,
Ɔsafohene tumi ka ntampa de gu ne nkorכfoכ so,
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
47
b) Ankorεankorε
Obi bεtumi aka ntam de agye n’asase anaa
n’agyapadeε bi. Ɔbetumi nso de ntam abכ biribi ho
ban. Ɛwכ sε esi asεm so sεdeɛ εbεyε na yεbεgye ato
mu sε εyε ntampa.
4.7 Ntam mu כyεkyerε ( Performance)
Yεmfa ataadeε nka ntam anaa yεnhyε ataadeε
nka ntam. Ɛwכ sε onii korɔ no kwaha ne ntoma na
kaכ ma afena no ano kyerε soro. Sε osuae anaaכ
ntam no wie a כde afena a ɛkura no no atwi fam. Saa
mmerε no nyinaa, εsε sε כma n’animdua no yε sε obi a
n’ani abere. Sε כbaa nso a, yεma no kyekyere ne tiri
so na כde ne nsa agu n’akyi. Ɛwכ sε onii korɔ no ka
ntam no pen pen.
4.8 Ntam mu nsεntitire (major themes)
1) ahensεm
2) akosεm
3) amanenyasεm
4) ɔyaredכm
5) amanyɛsɛm mu
6) mpatuwuo
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
48
7) abakכsεm / atetesεm
4.9 Ntam nhyehyεeε
Ntam ka mu wכ nkyekyɛmu ahodoכ mmiɛnsa. Weinom
ne ;
a) ahyeaseε / כfrε
b) mfinimfini
d) awieeɛ /nsedie
sε ebia:
Mesrε Otumfoכ ntamkεseε meka ntankεseε sε,
hene na mεtoa so deכ sompa a me nananom de somכ
asom Otumfoכ. Wofrε me anכpa o, awia o, anadwo o,
mɛba. Mesuae a meyi yadeε. Bio meremfa nsuo
nnyina m’anom nkasa nkyerε Otumfoכ. (sε mebu
weinom so a meto Otumfoכ ntankεseε).
a) Ntam ahyeaseε / כfrε
Ɔfrε no twe ateasefoכ ne ahonhom nkaeε
adwene ba ntam no so
sε ebia:
Mesrε Otumfoכ ntankεseε meka ntankeseε (sε)...
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
49
sε (interpretive marker) wei ne adwene a enti כde
reka ntam no.
b) Mfinimfini / kaseεbכ
Ɛyε botaeε a onipa ko no gyina so de ka ntam
no.
sε ebia:
Ɔsompa a me nananom de som כhene no na mεtoa
so de asom Otumfoכ. Wכfrε me anכpa o, awia o,
anadwo o, mεba . Mesuae a meyi yadeε...
d) Ntam awieeε / nsedie
Sε obi de ntam no bɛkyerekyere ne ho. Yεyε
wie na sε abufuo ba a yεhunu sεdeɛ yεbεka no afa.
Oniiko a ɔreka ntam no tumi ka sε;
Sε mantuni anyε wei a mede me ti tɔ.
4.10 Ntam kasasu
Ntam mu kasa yε turodoo ne penpen. Ɛnyε
adeε a yεde nsεm no bi wadawada. Ɛnkanka כfrε no.
Mmom yebεtumi anya kasakoa wכ botaeε no mu. Ɛnti
εwכ sε ntamka mu nsεm da hכ ma obiara te no yie, na
sε emu afכbuo ba a, akyinnyegyeε biara amma mu.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
50
Ntam ahodoכ no bi nie:
Asante Meka Memeneda, meka ntam
kεseε mmiεnsa
Akyem Meka Wukuada ne Kwanyako
Fante Meka Ogua ne Wukuada
Dwaben Kwadutwum
Mampכn Yawoada
Bantama Ntwoma
Bεkwae Kwasiada ne mpete
Asebu Meka Amemfi ne mfa
Kokofu Fiada ne Dwoada
Nsuta Fiada ne Druman
Berekum Nkyibena
Ɔfenso Yawoada
Kwawu Fofie ne Akraman (Asaase aban)
Adanwomase Yawoada
4.11 Nsεmmisa
1) Ɛdeεn ne ntam?
2) a) Kyerε berε ahodoכ num a yεka ntam.
b) Ntam ho mfasoɔ ne sɛn?
3) (a) Ɛdeεn ne ntam?
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
51
(b)Kyerε ntam mu כyεkyerε ne ne nhyehyεeε.
4) (a) Nnwom ahodoɔ abien na ɛwɔ anansesɛm mu,
nsononee ben na ɛda ɛwɔ mu?
(b) Deɛ ɛwɔ aseɛ ha yi yɛ anansesɛm nhyehyɛeɛ,
anansesɛm tiawa bi kyerɛkyerɛ mu.
(i) mfitiaseε/ ahyεaseε
(ii) mfinimfini
(iii) awieeε
Nsonsoneeɛ ben na ɛda duabɔ ne ntam ?
Add duabɔ and nsedie
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
52
5.1 NSUIƐ (ELEGIAC POETRY)
Nsuiε yε awerεhosεm a onipa bi kaakae, na afei
mu no mu to no sε כwכ tebea bi a כnam awerεhoכ
kwadwom, na כto ana kyi nisuo ka ho. Onipa a osu no
kankye yiyi nsεm a ahyε ne so no, na כpε sε כda no
adi no wכ anwonsεm kwan so.
Sε onipa no kankye anaa כtwa aho no nko ara
de da n’abusua, ne man ne ne kurom abakכsεm bi adi
a, yεka sε כreto KWADWOM. Ansa na εbεdane nsuiε
ankasa no, gye sε nusuo taa akyire.
Nsuiε yε Akanfoכ anwonsεm no mu baako na
mmaa na wכtaa di saa dwuma yi. Saa nsuiɛ a yereka
ho asɛm yi yɛ nea yɛte wɔ aberɛ a obi afiri mu.
Nsuiɛ yɛ amanneɛ bi a Akanfoɔ yɛ de kae
nananom a wɔadi kan. Akanfoɔ wɔ gyidie bi sɛ, owuo
bi akwantuo ne saa nti nananom da so wɔ wɔ nkyɛn a
wɔrehwɛ nea ateasefoɔ reyɛ nyinaa. Wei nti Akanfoɔ
mfa nsuiɛ a ɛyɛ amanneɛ a wɔyɛ de gya nananom
kwan sane de tɔ nkra nni agorɔ koraa.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
53
5.2 Nsuiε ahodoכ
nsuiɛ wɔ nhyehyɛmu ahodoɔ pii, nanso makye mu
mmiensa wɔ nwoma yi mu.
5.2.1 Benabכ
Sε obi teateam su dendeeden a nisuo mma mu.
Mmarima na sɛ obi wu a wכtaa bכ bene.
5.2.2 Agyaadwoɔ
Sε obi teateam su wכ adeɛ ketewa bi ho. Sɛ asɛm to
obi mpofrim a ɔtwa adwo. Mmɔfra nso taa twa adwo.
5.2.3 Kwadwom/nkankyeε
Sε obi kankye, moma nsεm wכ anwonsεm kwan so a
nisuo papa bi ara nni mu. Ɛtaa ba sε mmaa na wכyε.
Wɔtumi kankye de to ana.
5.3 Berε a yεte osu
a) Ayie ahodoכ mu
i.Dכteyie ase
ii.Ayipa ase
iii.Berε a obi resu obi foforכ wכ ɔfoforכ ayie ase
b) Nnadie ahodoכ mu
i.Nnawכtwe da
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
54
ii.Adaduanan
iii.Afenhyia da
Saa mmerε yi mu biara no, Akanfoכ tumi su nanso
dכteyie ne ayi pa mu na yεtaa te osu ankasa. sɛ
weinom firi hɔ a, yɛtumi te nsuiɛ wɔ afahyɛ ahodoɔ
ase. Odwira afahyɛ sɛɛ, nananom ayi da bi asi hɔ a
yɛde kae nananom a akɔ nseɛdo. Nsuiε mu no, yεwכ
sudwetire a yεdi kan su de kaakae כmanfoכ sε obi awu
anaa yεreyε ayie. Bio, yεwכ ayinan a yεsu no awia
berε wכ ayi pa ase.
5.4 Nsuiε mu כyεkyerε
Ɛsɛ sɛ obiara a ɔresu no tumi de ne ho hwɛ ɛsu
no mu. Ɛbinom susu sɛ, sɛ obi su na nisuo amma a,
na ɛkyerɛ sɛ asɛm no nyɛ no awerɛho anaa mpo ebia
na ɔyaa ni nim owuo no ho bi. Ɛberɛ biara sɛ obi resu
a, ɔtaa de ne nsa nenam ne ho. nnoɔma ahodoɔ a
ɔtumi yɛ no bi na ɛdidi soɔ yi:
Onii ko no kankye, to kwadwom de benebכ hyehyε
mu ma awerεhoכ tכ wכn a wכahyia no nyinaa so.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
55
Osufoכ no ntaa nnyina faako, mmom כkכ ha ba ha,
kכ n’anim ba n’akyi.
Ɔde ne nsa gu -
Ne ti so
n’akyi
n’abati
ne koko
otumi nso ma ne nsa mmienu so hwε soro de kyerε
sε כdan Nyame.
otumi woso ne ti.
obi tumi bכ ne nsa ano.
otumi de su no kɔbam ofoforɔ.
Otumi de ne ho hwehwe fam de ne ho
bunyambunyam.
Berε a saa כyεkyerε ahodoכ yi rekכ so no nyinaa no
na nkankyeε ne benabכ nenam mu. Weinom nyinaa
rekɔ so no, ɛsɛ sɛ osufoɔ no hyɛ ne ho so kakra na
wanya amane wɔ nsɛm ahodoɔ reka no mu.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
56
5.5 Nsuiε ne Anomsεm kasadwini ahodoכ no mu
twaka
Nsuiε yε nneεma a wכhyehyε wכ Akanfoכ kasadwini
mu no mu baako. Ne saa nti, εne deɛ edidi soכ yi
nyinaa wכ twaka;
amoma
abכfodwom
ayan-abכdin / yampea
asafodwom
Ɛne sε, nneεma a epue wכ deɛ yɛabobכ soכ yi mu
nyinaa nso tumi pue wכ nsuiε mu. Sε ebia, כbכfoכ bi
wu a, obi tumi de abכfodwom bi hyε ne nsuiε mu. Saa
ara nso na obi tכ wכ כko mu a, asafodwom tumi pue
wכ ne nsuiε mu. Akanfoכ susu sε owuo te sε כko, εno
nti na asafodwom ba nsuieε mu no. Wei nti sε obi anni
ne yadeε so nkonim na owu a, εte sε deɛ watɔ wכ כko
mu.
Wei nti na mpεn pii no nneεma ahodoכ a epue
wכ weinom nyinaa mu no tumi pue wכ nsuiε nso mu.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
57
5.6 Nsuiε botaeε
eyi כdכ a osufoכ no wכ ma owufoכ no adi.
eyi awerεhoכ a ahyε osufoכ no so no firi hכ.
yεde nsuieε to ana. Kyerε owufoכ no abכseε ne
n’abusua.
yεde kyerε owufoכ no diberε, suban ne deɛ εkeka
ho.
yεde nsuiε nso da abakכsεm adi.
yεde da Akanfoכ gyidie a wכwכ wכ asamando ho
adi.
yεde nsuiɛ nso srε adeɛ firi owufoכ no ne
nananom nsamanfoכ nkyεn.
yεde da Akanfoכ nimdeε a wכwכ wכ tumi ahodoכ,
nnua, nhoma ne afifideε ahodoכ no ho adi.
5.7 Nsuiε mu nsεm titire / nsεmpכ
Akanfoɔ nam akwan ahodoɔ nnan so na nwene
nsuiε. Saa nsɛmpɔ titire nnan yi ara na ɛwɔ nsuie mu.
a) Owufoכ “dead”
b) Nsamanfoכ “ancestors”
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
58
d) Owufoכ no nkyiri “Domicile of trhe ancestor and of
the deceased”
e) Akanfoכ gyidie / nimdeε ahodoכ. (Knowledge about
death)
5.7.1 Owufoכ (the theme of the dead)
Nsuiε mu no, owufoכ no ne fapem a osu no
gyina no so, anaa sε owufoכ no na odi akoten wכ osu
no mu.
yεbכ owufoכ no din. Ɔkanni biara wɔ kradin, wei ne
da a ɔkanni biara baa wiase. Din pa a n’gya de ama
no. ebinom mpo tumi de mmrane(abodin) ka ho.
Da Ɔbarima din Ɔbaa din Mmrane
Kwasiada Akwasi Akosua Bodua
Dwada Kwadwo Adwoa Okoto
Ɛbenada Kwabena Abenaa Ogyam
Wukuada Kwaku Akua
Yawoada Yaw Yaa Pereko
Fiada Kofi Afua Okyim
Memeneda Kwame Amma Atoapomaa
Ɛpono yi kyerɛ kradin ahodoɔ yɛde ma ɔkanni biara ne
ne mmrane.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
59
yεkyerε owufoכ no suban ne ne nneyεeε ahodoכ
nso.
yεtumi fa ne nananom su ne wכn nneyεeε so ma no
so.
yεtumi de din ahodoכ bi ma no de hyε no
anounyam. Saa din yi tumi yε owufoכ no ankasa
mmrane, anaa sε abodin bi a εwכ n’abusua mu. Sɛ
ebia: katakyie, baafoɔ, Aseadeɛyɛ, barima ne ade.
yεtumi de abusuabכ ntam ayכnkofa anaa כdכ su
frε owufoכ no.
Sε ebia
“Eno nkɔ nnya me akyire oo!”
“Eno awu agya me oo
Na mene hwan na ɛbɛkɔ dwa oo?”
“Agya e, aka me nko
Mene wo bɛkɔ
Agya e, bɛfa me kɔ oo!”
bio osufoכ no tumi de edin a egyina hכ ma onipa
foforכ frε owufoכ no.
Sε ebia:
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
60
Ɔkyerεma ba, Nana Sapɔn nana, כdεεfoכ ba, ne deɛ
εkeka ho.
yεtumi nso de owufoכ no ntכn ne ntorכ nso moma
no.
Sε ebia:
“Bosomtwe kכda dinn”
“Bosompra due”
“Aduana ba nante yie”
osufoכ bi nso de suban ne abrabכ mu nsεm
ahodoכ te sε ayamyε, ahummכbכ, awoכ ne abayεn
nso hoahoa owufoכ bi.
Sε ebia;
“Abasateaa a adכeε wכ mu”
“Enowaa a onnim adidigya”
“Atofo kεseε a eturu mpempem”
“Odimafoכ agya”
“Amoawusi a כwo abaduasa gye abayεn”.
“Madamfo Adu a medan no”
“Nana Sɛnkɛseɛ a ɔgye ahohoɔ”
“Agya Tawia a ne nsa yɛ no fa-kye fa-kye”
“Agya a obi ba yɛ ne ba”
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
61
“Afikyeborɔdeɛ a n’ase yɛ nwunu”
“Eno nkurumakɛseɛ a ne yam adaduasa na
ɔmmoa”
Edin ahodoכ a yεde ma owufoכ hoahoa no ma wכn a
wכahyia no nyinaa hu pefee sε, owufoכ no nyε onipa
hunu nti wכahwere ade kεseɛ. Saa nsεm yi ma
awerεhoכ te gu nnipa a ahyia hכ no nyinaa so ma
nisuo tumi bu כmanfoכ kכn. Wɔyɛ wie nyinaa ne kyerɛ
sɛ ampa onipa yɛ adeɛ a ɔsɛ ayeyie. Onipa biara
nnwuma a ɔyeɛ no wɔ asaase yi so no di n’akyi, mpo
wɔbubɛ sɛ “onipa wu a, ne tɛkrɛma mporɔ”, wie kyerɛ
sɛ asɛm bi mpo ɔkaeɛ no tim hɔ daa.
5.7.2 Nsamanfoכ (the theme of ancestors)
Nsuiε mu no, yεyi owufoכ no firi hכ a, yεtaa te
owufoכ no nsamanfoכ nka. Wei kyerε sε, owufoכ no
abasuafoכ a wכawuwuo dada no din ne wכn ho asεm
pue wכ nsuiε mu. Sε εyε owufoכ no n’agya anaa εna
fam abusuabɔ. Akanfoɔ wɔ abusua ahodoɔ nwɔtwe a
Ɔkanni biara firi mu, ne saa nti berɛ biara obi bɛfiri mu
no yɛtaa te nnipa ahodoɔ a wɔkɔ nseɛdo wɔ saa
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
62
abusua koro no mu bi din. Mmusua yi ne: Asona,
Aseneɛ, Aduana, Ɛkoɔna, Asakyiri, Birituo, Ɔyokoɔ.
Akanman mu no, edin ahodoɔ bi wɔ hɔ a efiri abusua
bi mu, nti sɛ obi kɔ ayie bi ase na ɔte saa edin ahodoɔ
yi bi a ɔtumi hunu abusua koro a ɔyaa a wafiri mu no
firi mu. Sɛ yɛyi abusua firi hɔ a, Ɔkanni biara nso wɔ
n’agya Ntorɔ a ɔfiri mu a ɛtaa bue wɔ nsuiɛ mu.
Yεtaa de abusua ahodoכ yi mu akunini nneyεeε
ne abusua no akradeɛ anaa ahyεnsodeε na εfrεfrε
owufoכ no. Ɛmfa ho sɛ owufoɔ bi firi kuro bi mu anaa
ofiri hɔ, sɛ ɛba sɛ ɔbɔ saa abusua no a yɛtumi de ne
onipa titire bi din moma no. Sɛ ebia biretuni bi firi mu
a, akanfoɔ tumi bɔ no abodin sedeɛ ɔfiri asante
mampɔn. Nanso wɔbɛhwɛm no na ɔmfiri pɔ mu hɔ
baabiara. Saa nso na ɔyɔkoni bi wɔ a akanfoɔ tumi de
no ba kuro bi te sɛ: Kumase, Kokofu, Bɛkwae, anaa
Dwaben ho.
Berε a osufoכ bi refrεfrε nsamanfoכ yi no, otumi
to ana de kכsi nananom a wכkכ wכn nkyiri bεyε
mfirihyia ɔha so. Sε εba no saa a, na yεnam nwuma pa
so rehoahoa owufoכ no. Afei εma twaka bεda
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
63
ateasefoכ ne awofoכ ntam, na atetesεm ne nnε mmerε
yi mu nsεm mu.
Yεgyina nsamanfoכ yi so kaakae yεn ho sε,
nsamanfoכ no nso yε nnipa te sε yεn ateasefoכ yi ara
na yɛbɛtumi de wכn nnepa ahoahoa yεn ho.
5.7.3 Owufoכ no nkyi (the theme of the domicile)
Nsuiε mu no, osufoכ no tumi gyina owufoכ no
nkyiri so anaa beaeε a כfiri so de tontom no. Osufoכ
no bobכ nkuro ne aman a owufoכ no anaa ne
nananom firi so, na כnam so ada no adi sε כyε ne nua
efiri sε כne no firi kuro anaa כman baako mu.
Mpεn pii no, nkuro a yεtaa te wכ nsuiε mu no yε nkuro
a εwכ din anaa εdi mu wכ כman no amammerε anaa
abakɔsεm mu.
Sε osufoכ no bכ kuro korɔ no din a, כde nsεm bi
kyerεkyerε kuro no mu anaa abakכsεm a εwכ kuro no
ho.
Ɛtaa ba sε osufoכ no de owufoכ no nkyiri ne ne
nananom nkonimdie, wכn suban ne wכn nneyeε ne
owufoכ no ankasa suban ne ne nneyεeε na εnwono
osu no. Abusua ahodoɔ a akanfoɔ wɔ no mu biara wɔ
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
64
kuro a wɔdi adeɛ wɔ so. Saa nkuro yi sɛ ɛyɛ a yɛte bi
din wɔ nsuiɛ mu. Abusua bi te sɛ biretuo sɛɛ di adeɛ
wɔ Asante Mampɔn ne Ayaase a ɛwɔ Adanse.
Aduana nso di adeɛ wɔ Asumagya, Kumawu ne
Takyiman. Saa nso na Ɔyokoɔ nso di adeɛ wɔ kumasi,
Dwaben ne Nsuta.
Ɛsiane saa abusuabɔ yi nti, mfa ho ne deɛ
asomasi anaa ɔbenten teɛ, osufoɔ no tumi de abusua
yi mu nnipa ne nkuro ahodoɔ yi bi mu nsɛm su
owufoɔ.
5.7.4 Akanfoכ gyidie ne wכn nimdie ahodoכ wכ nsuieε
mu (Beliefe and Knowledge).
Nsuiε mu no, sε yεyi owufoכ, nsamanfoכ,
owufoכ no nkyiri firi hכ a, osufoכ no nam nsuiε so da
gyidie, nimdeε ne nsusuiε ahodoכ a Akanfoכ wכ wכ
owuo ho adi.
Yεfa owuo sε akwantuo. Akanfoɔ gye di sɛ owuo yɛ
akwantuo a onipa biara tu kɔ asamando anaa
nseɛdo. Wei nti sε obi retu saa kwan yi a, εsε sε
yεma no nante yie. Osufoɔ no tumi su sɛ:
Ɔbosomfoɔ kosɛkosɛ oo
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
65
Ɔhene ni, nkumankuma brɛbrɛ
wokɔ a, duo moo, ɔhene ba
gye due na duom oo!
bio, yεfa no sε εwכ sε yεne owufoכ no di nkra.
Yεnam nkradie yi so ka nsεm bi te sε:
mefrɛ no a ɔnte.
mefrε no a budinn.
mefrε no a ommua.
nsuo ayiri me, na oyifoכ ne hwan.
mennya duban bi mu mpo na masכ.
me ne wo bεkכ.
nkכ nya me.
sε obi reba a mane me.
Osufoכ no nam mfonini ahodoכ so da awerεhoכ
a εwכ owuo mu ne hwere a wכahwere owufoכ no adi.
Wכde wiase mu afifideε, nnua ahodoכ, nhoma ne
domankoma adwapadeε a atwa yεn ho ahyia na εtaaכ
nwene osu no.
Yεtumi fa edwa ne wiase mu nneεma bi so de
nnwene nsuiε. Sε ebia, “na wo nneεma yε sεn
na asa ntεm a edwa ntuiε yi?”.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
66
Ansa na osufoכ na bεtumi akeka weinom nyinaa no,
εsε sε כyε obi a;
כnim כman no ammamerε
n’ano ateε
wawea כkasa no mu
otumi ka sε,
me ne wo mma bεwe ananse
na akura deε כyε כbכpכn.
Wכka wie de kyerε sε onipa a wahwerε no no yε wכn
somboafoכ.
Woremane me a mane me
dεnkyεmmerεboכ na mannya
gya a mawe no mono
Wei kyerε sε Akanfoכ wכ gyidie sε nsamanfoכ wכ hכ
na wכtumi mane wכn na wכsan sa wכn yareε.
5.8 Nsuiε nhyehyεeε ( structure)
Sεdeɛ anomsεm kasadwini biara wכ ne
nhyehyεeε no, saa ara nso na nsuiε wכ nhyehyεeε.
Nsuiε wכ nkyεmu ahodoכ mmiensa
a) mfitiaseε / ahyeaseε
b) mfinimfini
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
67
d) awieeε
(a) nsuiε mfitiaseε
Ɛha no εtaa ba sε osufoכ no de benabכ di kan,
sε ebi a,
agyae ee!
εna ee!
de da ayɔnkɔfa anaa abusuabכ a εda owufoכ no ne
osufoכ no ntam.
b) mfinimfini
Ɛha na osufoכ no da nsεm titire nan a yεbobכ
soכ yi adi.
d) awieeε
Awieeε ha no nso tumi yε benabכ; saa benabכ
yi tumi yε adeε a osufoכ no nne kכ fam sene deε ɔde
fitii aseε no.
Osu ntrεmu
Osufoכ no tumi trε osu no mu, de da n’abrabכ
mu nsεm bi adi. Ne saa nti, nsuiε bεtumi ayε tentene
anaa tiawa. Wei gyina onikorɔ a כresu no so.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
68
5.9 Nsuiε kasasu
Nneεma a edidi soכ yi nyinaa tumi pue wכ nsuieε mu;
εbε
abodin
sεnipa
ntrεha
nnyinahכma
ntotohosεm
adwene mu mfonini
tete kasa
ntimu
kasakoa
nsawכsoכ
anom nnyegyeeε ntimu
εnne nnyegyeeε ntimu
nnεεmasεm
abusua ne nkuro ahodoכ din
Afei nso yεtaa hyia adeyε nsεm te sε;
woyε...
wone ...
wofiri...
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
69
Yetumi nso de nkyerεnkyerεmu ahodoכ bi te sε
eno baatan pa...
Yetumi nso de nkyerεnkyerεmu kasamufa “a”
sε ebia
“Eno baatanpa a wonim wo mma yam kכm”
5.10 Nsεmmisa
1) Ɛdeεn ne nsuiε?
Kyerε ne botaeε, emu כyεkyerε ne ne
nhyehyεeε.
2) Kyerε nsεm titire nnan a osufoכ, nam so su na
kyerε nsuiε kasasu. Ma nsuiε ho nhwεsoכ baako.
3) So owuo yɛ nipa anaa aboa ?
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
70
6.1 ABכFODWOM (HUNTER’S SONG)
Abɔfodwom yɛ nnwom bi a abɔfoɔ to wɔ
abɔfogorɔ mu de ka abɔfoɔ ne mmoa ho asɛm. Abɔfoɔ
nam wɔn suahunu anaa wɔn nimdeɛ a wɔnya no wɔ
wɔn adwuma mu na ɛsae saa nnwom yi.
Ɛyε nnwom a abכfoכ to de goro abɔfoכ wכ
mmerε a wכregye wכn ani,
anaa
wכto de yε abכfoכ bi a wafiri mu ayie.
anaa
berε a כbכfoכ bi akum כbכpכn bi nkanka כsono no,
abofoכ hyia yε asonyie.
Bio, abofodwom yε nnwom a abכfoכ to de da
wכn nnwuma no mu nsεm, emu amanehunu ne εbo a
εsom wכ כman no mu adi.
6.2 Hwan ne Ɔbɔfoכ
Tete no sɛ yereka ɔbofoɔ a na ɛnyɛ obi a ɔkɔ
wuram kɔyɛ ha na mmom ɔbɔfoɔ ne obi a wakum
ɔbכpכn. Tetesɛm kyerɛ sɛ ansa na obi bɛkum ɔbɔpɔn
no ne titire ɔsono (anaa nyame akεntεn) no onii no
mmɔ ne ho safohene sɛ ɔyɛ ɔbɔfoɔ.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
71
6.3 Asommכfoכ nkyekyεmu
Wכn a wɔatumi akum כsono baako no ne wכn
mu nkwadaa pa ara. Wכn a wodi soכ no nso ne wכn a
wɔakum mmienu. Na mpanin pa ara ne wכn a wɔatumi
akum mmiεnsa anaa deɛ εboro saa.
Yεgyina saa nkyekyεmu yi so yε amammerε
ahodoכ ma abכfoכ a wכkכ wכn nsumankyiri.
Asommכfoכ taa firi nkuruwa anaa akuokuo.
Ɛtaa ba sε efie baako anaa abusua bi mu nnipa taa yε
abכfoכ. Wei nti sε wכregoro abɔfoכ anaa wכreyε ayie
a wכto nnwom kaakae wכn a wɔyε abכfoכ na wכkכ
wכn nsumankyire no.
Abכfoכ dodכ wכn ho yie ne saa nti abusua
nkyekyεmu nni wכn mu. Wei nti yεfa כman biara mu
abכfoכ sε wכyε abusua baako. Abכfodwom ne
abכfogorɔ da saa ayכnkofa yi adi.
6.4 Abכfodwom bataeε
1. wכde gye wכn ani
2. wכde di awerεhoכ
3. wכde bכ akutia
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
72
4. wכde kyerε hia a כbכfoכ ho hia wכ כman no
mu.
5. wכde kyerε כbכfoכ bi diberε.
6. wכde hyε abכfoכ animuoyam.
7. wכde da wכn mmaninsεm adi.
8. wכde kae awufoכ.
9. wכde pam sasa.
10. wכde siri pε.
11. wכde kyerε nimdeε a wכwכ wכ mmoa, nnua ne
abכfoכ ho.
12. εboa ma abכfoכ hu wכn ho.
6.5 Abכfodwom mu nsεntitire (major themes)
Ɛfa;
1. abכfoכ ne wכn mmusuakuo ho.
2. mmoa ho, ne titire abכpכn ho.
3. nwuram nneεma ho.
4. abכfoכ diberε ho.
5. sasa ho
6. owuo ho.
7. abכfoכ ne nnipa nkaeε ntam twaka ho.
8. akutia ho.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
73
.ho כdכ .9
10. abכfoכ gyidie ne deɛ εfiri mu ba ho.
6.6 Abכfodwom nkyekyɛmu ne ne nhyehyεeε
Abכfodwom wכ nkyenkyεmu titire mmienu. Weinom ne
A) atirimpaeε
B) agorכnnwom.
6.6.1 Atirimpaeε
Atrimpaeε ne sε obi de ne nsa hwe ne tirim
teatea mu yiyi nsεm bi adi. Atirimpaeε nso wכ
nkyekyεmu ahodoכ mmienu, (aho ne nkankyeɛ).
Ɛtaa ba sε abכfoכ goro a, wכpae wכn tirim ansa
na wɔafrε nnwom no. Atirimpaeε yε nnwom nanso ne
suban no reyε akכwiewie osu ne agyaadwo sene
nnwom pa. Ɛyε nnwom a כtofoכ no de frεfrε sunsum
ba ne ho so.
Ɔtofoכ no de yi supכ a ahini no no firi ne so
anaa biribi a ahyε ne so no adi. Ɛtaa ba sε, onipa no
team ma nnoɔma a ahyε ne so no pue.
Atirimpaeε yε nsane; ne saa nti sε כbכfoכ baako
pagya a etumi kanyan afoforכ ma wכn nso de wכn ho
gye mu. Ɛtumi ma awerεhoכ nso te gu afoforכ so.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
74
Atirimpaeε yε nnwom a wכto no kwa a wכmfa
nsa. Sε εba sε obi repae ne tirim a, כtumi twa aho nko
ara, כpε nso a כtwa aho a, na כde nkyankyeε atoa so.
(A)Atirimpaeɛ nkyekyεmu
Atirimpaeɛ wɔ nkyekyɛmu ahodoɔ mmienu,
weinom ne aho ne nkankyeɛ.
i) Aho
Aho yε atirimpaeɛ fa a כbaako pagya ma
afoforכ gye soכ. Yεtaa de nteateamsεm bi te sε;
Ee!
Oo!
ayee!
Sε ebia;
Ogya oo! Ogya oo!
Yie yie ogya oo!
Aho mu nsεm no bi yε nteateamu hunu.
Yεde ebi nso frεfrε abכfoכ. Aho mu nsεm no bi wכ hכ
nso a yεde moma abכfoכ bכ wכn mmrane. Yεde bi nso
kaakae abכfoכ ne wכn ho hia a ehia wכ כman no mu.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
75
Mmrane no mu pii nso da abכfoכ ne wכn nnwuma,
wuram nnua ne wכn suban adi. Saa mmrane yi taa yi
ɔkasamu a yɛka abom.
Sε ebia;
Maamono, saa asɛm yi firi adeyɛ asɛm “ma” ne
adeyε boafoɔ “amono”. Ɔtofoɔ a כma amono.–
‘amono’ adeyɛ boafoɔ ma adeyɛ asɛm “ma”.
Okumkyɛ – obi a okum mmoa na ɔde kyekyɛ.
Atopreko – obi a ɔto baako pɛ a na wakum aboa.
Atoprɛko nso nhyehyɛeɛ nie. (‘a’ + adeyɛ + adeyɛ mu
kyerɛfoɔ). “a–“ nsianimu a yɛde asi adeyɛ anim
ma no yɛ din. “–to-“ yɛ adeyɛ asɛm. ‘-preko’ yɛ
nkyerɛkyerɛ mu a ɛkyerɛ mperɛ dodoɔ adeyɛ no kɔɔ
so.
Okumkyɛ nso firi nsɛmfua: ‘o’ + adeyɛ I + adeyɛ II. o –
yɛ edinnsiananmu a ɛkyerɛ ɔyɛfoɔ.
“Abunsa” – Obi a obu ɔsono nsa. Abunsa firi nsɛmfua
(a+adeyε+edin).
Mmrane ahodoɔ no nso bi nie;
Akodiawuo
Akyεntoma
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
76
Asiemmire
Mmaa-kunu
Akyirimmire agya
Mmerewa mpena
Ɔsiadie barima
Ɔsכwuoahwε כkofoכ
Aho yε ade titire wכ abכfodwom mu. Ɔbכfoכ se כrepae
ne tirim, na sε wantwa aho a, na wakכ so kwan so
asan.
ii) Nkankyeε
Sε obi repae ne tirim a, Otumi kankye te sε deɛ
mmaa resu a wכkankyeɛ no. Nkankyeε mu nsεm mu
pi. Dodoכ no ara yε tete kasa a abכfodwom mu nko
ara na yεte firie. Nkankyeε suban rekכwiewie nsuiε. Nti
abodin ne anatoכ wכ mu. Ne fa baabi nso wiewie
yampea a yehyia no ayan mu.
Sε ebia:
Adomako tenten kotuku se Gyawurampכn
Osuo aboro boכ, εtim deɛ εtim
Akodi-awuo kum-mmεnsono-gye-atrane
Ne mefrε asaase Amponyinamoa,
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
77
redi adεnnεn sε כso boכ no naכ
Birefi Akuampכn a odi akwantonneε
Ankaadudwane, w’ayεyei nie
Otuo anto a, mereda.
6.6.2 Agorכnnwom
Ɛyε nnwom a abכfoכ de di agorɔ, wכde
ntweneka, firikyiwa, nnawuta, adawuraa ne nsammכ
ka ho. Ne saa nti no, εyε nnwom a abɔfoכ goro de sa.
i) Agorכ-nnwom su
Akanfoכ nnwom gu ahodoכ mmienu. Saa ara
nso na abכfoכ agorכnnwom su teε.
a) Nea כfrε ne nnyesoכ yε ade korכ
b) Nea כfrε nko na nnyesoכ nso nko.
Aho ne nkankyeε di kan ansa na agorכnnwom aba wכ
abכfodwom mu.
ii) Agorכ-nnwom ahodoכ
a) agorכ ahyeaseε nnwom.
b) abכfoyε ho nnwom.
d) abכfoכ tuo ne wɔn ahyehyedeε/afadeɛ.
e) ahayε mu nsεm.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
78
ε) abebudwom.
f ) asiane ne owuo
a) agorכ ahyeaseε nnwom
Wei fa deɛ ɛdidi soכ yi ho
adawuraa (Kofi) ho.
εfrεfrε abɔfoכ
deɛ yεde srε nnipa kwan ansa na yɛagoro
deɛ εda dwumadie no adi.
nhwɛsoɔ
Afrɛ me na maba, afrɛ me
Ee! me na maba, afrɛ me
Afrɛ me na maba, afrɛ me
Mmaa kunu Yaw
Afrɛ me na maba, afrɛ me
Ɔto-a-yɛdi ee,
Afrɛ me a maba, afrɛ me.
b) abכfoכ ho nnwom
ɛkyerɛ sɛdeɛ obi bɛyɛɛ ɔbɔfoɔ anaa deɛ ɛma
obi tumi frɛ no ho sɛ ɔbɔfoɔ.
wei da abכfoכ ne wכn nnwuma adi
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
79
εkyerε abכfoכ ho mfasoכ wכ כman no mu.
nhwɛsoɔ:
(a) Yɛwoo me mansrɛ ara
Yɛwoo me mansrɛ ahayɔ
Yɛwoo me mansrɛ a,
Yɛwoo me.
(b) Ɔkum-adada ba ne me
Mankum aboa a, mɛyɛ den ni
Ɔto-a-yɛdi ba ne me
Mankum aboa mɛyɛ dɛn nie.
d) abɔfoכ tuo ne wכn nnwuma ho
wכto saa nnwom yi de yi wכn tuo, wכn ahyehyεdeε
ne wכn adwumayɛdeɛ ayε.
Sε ebia:
Etuo
Aperetwaa
Danta
nhwɛsoɔ:
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
80
Piretwaa bɔ me, bɔ me, bɔ me,
Piretwaa bɔ me,
Danta pae
Piretwaa bɔ me, bɔ me, bɔ me,
Piretwaa bɔ me,
na menkum aboa
Piretwaa bɔ me, bɔ me, bɔ me
Osiadie ee
Piretwaa bɔ me, bɔ me, bɔ me.
e) ahayɔ mu nsεm
Abכfoכ to nnwom fa akwan a wכnam so yε ha,
sεdeɛ wכdεεdɛε mmoa, sεdeɛ wɔtumi kכhunu mmoa
wכ wuram ne deɛ ɛkeka ho. Nimdeε, mmota, nhahan,
mmoa ne nsεnkyerεneε ahodoכ nyinaa da di wכ
aabɔfodwom mu nsεm mu.
Meredɛe aboa a
Meredɛe aboa brɛbrɛ
Meredɛe aboa
Meredɛe aboa makum no
meredɛe aboa a
meredɛe aboa brɛbrɛ
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
81
ε) Abεbudwom
Abכfoכ to nnwom de bu amanfoכ bε de kyerε
.n adwuma no nyε adeε a εda famכsε w כmanfoכ
abɔfoɔ tumi de ofie mu nsɛm to dwom mu to. wɔtumi
bu adufudepɛfoɔ ne nnipa wɔhwehwɛ sɛ anka daa
ɔbɔfoɔ bɛma wɔn nam nanso wɔnim sɛ wɔda nnam na
ɛyi nam yi bɛ.
sɛ ebia:
merekɔ wohunuu me
wohunuu me sɛn?
merekɔ wohunuu me
nkateba fua
merekɔ wohunuu me
aburo bɛtem
merekɔ, wohunuu me
f) asiane ne owuo
Abכfoכ de saa nnwom yi da owuo ne asane a
εwכ ahayכ mu adi. Wכtumi de saa nnwom yi kaakae
asane anaa akwanhyia ahodoכ a atɔɔ abכfoכ akɔnini
bi a wכkכ wכn nsumankyire.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
82
6.7 Abכfodwom kasasu
1) Tetekasa
2) Kasafua nkabom / nsεmfua nkabom.
3) Abɔdin
4) Kasakoa
5) Abirabכ
6) Nnyinahכma
7) Nkyerεkyerεmu ahodoכ
8) Ntimu ahodoכ
9) Awerεhosεm
10) Sεnipa
6.8 Nsεmmisa
a) 1) Ɛdeεn ne abכfodwom
2) Kyerε εmu nsεm titire ahodoכ num.
b) 1) Kyerε abכfodwom kasasu.
2) Ma abכfodwom ho nhwɛsoכ baako.
d) 1) Kyerε dwuma num a yεde abכfodwom die.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
83
7.1 ABISAA NE ABORƆME
Abisaa anaa agya rekorכ yε agorכ bi a mmofra
taa di no anadwo. Ɛyε asεmmisa ne anoyie agorכ a
εboa ma nnipa adwene mu bue. Ɛyε Akanfoכ
anyansasεm no mu baako (witticism).
7.1.2 Botaeε / Mfasoכ
yεde gye yεn ani.
yεde wεn kuro.
yεde si akan.
yεde bue adwene mu.
yεde sua badwa mu kasa.
εda obi nimdeε a כwכ wכ abכdeε mu ne
nneεma a atwa yεn ho ahyia mu no ho.
εboa nnipa nkabom.
εboa ma mmɔfra de nsεm to wכn tirim.
7.1.3 Ɔyεkyerε
Yεtena ase twa kankofa. Na deɛ כrebisa asεm
no ate ne ho wכ baabi. Na afei wabisa nnipa no
mmaako mmaako. Sε כbisa obi na כnhunu a כde kכ
re abεbisaכnso as כfoforכ si a, naכde kכ so. Sε כfoforכ
bi.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
84
7.1.4 Berε a yεgoro abisaa
Akanman mu no yεtaa goro abisaa anadwo.
Sukuufoɔ nso tumi goro abisaa wɔ berɛ a wɔwɔ sukuu
mu.
7.1.5 Nsεm titire a yεbisa abisaa fa ho
1) nnipa akwaa ahodoכ
2) mmoa
3) mmepכ
4) afifideε
5) nkonta
6) nnuro ne apomuden
7) amammuo
8) asetena ne abrabכ mu nsεm
7.1.6 Abisaa nkyekyεmu
Abisaa gu ahodoכ mmienu
(a) abisaa tiawa (simple)
(b) abisaa tenten / nyansapכ(complex puzzle)
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
85
a) Abisaa tiawa
Wei ne deɛ ne nsεmmisa yε tiawa, Na ne
mmueε yε baako pε. Afei ne nkyerεkyerεmu nyε
kuntann.
Nhwεsoכ:
dua bɛn na εnyiniiε a na εfura ntoma na sε
ɛnyini a na apa agu.
-mpampuro.
Ɛtכ da bi nso a yεtumi sie amanfoכ adwene de biribi
foforכ si deε yerehwehwε no anan mu. Sε ebia
Polisifoכ mpem ɔha a wכn nyinaa abɔsoכ yε
baako.
-praeε
Sogyani kεseε pa ara nso n’abosoכ nhyia no.
-atε.
b) Abisaa tenten anaa Nyansapכ
Wei akכyε sε ayεsεm a yεto no tenteenten ma
atiefoכ tie na wכde wכn adwene afa ho. Wei kyere
adwene sene abisaa tiawa.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
86
Akyinnyegyeε wכ wei mu, enti εsε sε deɛ כreyi ano no
tumi de nneεma toto ho kyerεkyerε mu ansa na
wakyerε sε εyε wei na εyε ɔfoforכ.
nhwɛsoɔ:
Agya rekɔ no ɔgyaa ne nnipa mmiensa bi. Wɔ
nyinaa twaa nsuo, baako hunuuiɛ na ɔtiatia mu
twaaeɛ. Baako hunuuiɛ, wantiatia mu nso ɔtwaeɛ.
Baako nso ahunu koraa nso ɔtwaa. Asuafoɔ mma wei
nsɔ wɔn adwene nhwɛ.
Obi nso se, Agya rekɔ ɔgyaa me akokɔ, aburoo
ne akorɔma sɛ memfa ne nyinaa ntwa nsuo. Kudoɔ a
yɛde twa nsuo no nso nnoɔma mmienu pɛ na ɛsɛ sɛ
mefa enti deɛn na meyɛ?
7.1.7 Nhyehyεeε
Nyansapכ mfitiaseε wכ afa mmienu. Weinom
ne;
כfrε ne nnyesoכ
Ɔtofoɔ ne ka sɛ : Agya rekorɔ ɔgyaa me adeɛ bi
Na atiefoɔ no agye so sɛ :
Ɔgyaa wo deɛn ?
Afei na ɔtofoɔ no aka asɛm korɔ no.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
87
7.2.1 ABORƆME
Aborכme nso yε ano ne ano agodie. Nea εwכ
aborכme mu ne sε, εyε a na yεfura asεmmisa no
ntoma enti εyε den sε obi bεtumi ahunu mmuaε no
prεko pε. Ɛtaa ba sε asεmmisa ne mmuaε no ntam
kwan mmεn.
Aborכme mu nsεm pii akכyε atɛnnidie. Ɛyε agorכ a
atεnnidie wכ mu nanso εnni sε εkכfa ntכkwa ba.
Aborכme firi nsεmfua
Bכre +me anaa tu tokuro wכ me mu na hwehwε sε
wobεnya biribi wכ me mu anna.
7.2.2. Botaeε
1) εboa ma nnipa nyε abotre.
2) yεde biri asεm ani so (indirection)
3) yεde twa asεm tia.
4) εboa ma mmכfra di wכn ho ni.
5) yεde si akan.
Se ebia:
Ankye prukusu ankye (ankye)
Wo ho bכn na ma yεnka
Ankama wosowoso , koroten na abere wכ mu.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
88
Mmuaeɛ: Wo na mma pii na wo nko na woagyimi wכ mu.
7.2.3 Ɔyεkyerε
Nnipa mmienu anaa dodoכ biara tumi tena fam
anaa gyina hכ di saa agorכ yi. Agorכ no ahyeaseε no
wכma ɔmanfoכ te aseε sε wכrebεdi aborכme.
Yεhyε aseε sε:
כfrε nnyesoכ
A: bכre me B: mereborכ wo
A: ………………..ankye prukusu ankye
B:………………..wo ho bכn na ma yεnka
( sε B antumi anyi ano a, A beyi ano na wasan aka
bio.)
7.2.4 Nsεm titire
1) Ahonnidie
2) Atεnnidie
3) Adwumaden /nsi ne anem
7.5 Nsɛmmisa
1a. Ɛdeɛn ne abisaa?
1b. Kyerɛ ne botaeɛ ne ne nhyehyɛeɛ.
2a. Aborɔme ne deɛn?
2b. Kyerɛ ne botaeɛ ne ne nhyehyɛeɛ.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
89
8.0 AKANFOƆ BOSOME/ASRAM DIN
1. ƆPƐPƆN (JUNUARY): Saa ɔsram yi mu na ɔpɛ si
dendeenden ma awɔ ba pii. Nti na yɛfrɛ no ɔpɛpɔn
anaasɛ ɔpɛ keseɛ. Akuafoɔ a wɔtete kwaeɛ mu no saa
berɛ yin a wɔsi adɔ.
2. OGYEFUO (FEBRUARY): Saa berɛ yi mu no na
akuafoɔ adɔ awie, abu nnua, ahye, apam a wɔretwɛn
sɛ nsuo bɛtɔ. Ɛnti na yɛfrɛ no ogyefuo a ase kyerɛ ne
sɛ ɔregye mfuo. Saa berɛ yi mu nso na mmɛ berebere
bebree.
3. ƆBƐNEM (MARCH): Saa bosome yi nso mu no owia
tumi pue pa ara.
4. OFORISUO/GYE-NKƆ (APRIL) : Akuafoɔ pii bobɔ wɔn
nkɔfie wɔ saa bosome yi mu. Mframa taa bɔ ma nsuo
tumi nenam mu, nanso ɛnkyɛ na ate. Saa bosome yi
din pa ara ne afum-nsuo-a-ɛregye-nkɔfie.
5. KƆTƆNIMAA (MAY): bosome wei mu na nsuo tɔ
keseɛ ma ɛtete nhaban gu kwaeɛ ase. Saa mframa
keseɛ yi tumi tutu bɔrɔde ma ɛkum tumi ba.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
90
6. AYƐWOHOMMƆMƆ/NYINYA (JUNE): nsuo bebree
wɔ saa bosome yi mu. ɛnam saa nti osram ntumi
mpae.
7. KITAWONSA (JULY): saa berɛ yi mu na ɛkɔm a ano
yɛ den si, nanso berɛ pa a aduane bɛba nni akyere.
Aka kumaa na aburoo aba. Nti awofo tu wɔn mma fo
sɛ “monkuta mo nsa na ɛkyɛ aburoo bɛba.”
8. ƆSANAA (AUGUST): tete no na ahemfo no wɔ fotoɔ
ahodoɔ a wɔde sika gu mu. ɛberɛ a ahemfo no bɛsane
ano no ɛkyerɛ sɛ ɛkɔm agu. Saa berɛ yi mu na obiara
tumi kɔyɛ oman ayɛ.
9. ƐBƆ (SEPTEMBER): ɛbɔ anaasɛ, omununkum taa si
saa bosome yi mu.
10. AHINIME (OCTOBER): ɛtaa ba sɛ saa bosome yi mu
no, ɛberɛ a nsuo retɔ no na owia nso rebɔ berɛ korɔ
no ara mu. Wei nti na ɛmma mpaninfoɔ too ne din
Ahinime de kyerɛ sɛ ɛhine owia ne osuo ntam.
11. OBUBUO (NOVEMBER): Saa berɛ yi na nneɛma a
yɛdua no abɔ na bayerɛ nhoma awo a yɛfiri aseɛ
retuo.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
91
12. ƆPƐNIMAA (DECEMBER): Wei nso yɛ bosome a ɔpɛ
si, nanso ɛyɛ ɔpɛ kumaa. akuafoɔ bi tumi hyɛ aseɛ dɔ
wɔ saa bosome yi mu.
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
92
BIBLOGRAPHY
Agyekum Kofi (1999) Introduction to Literature. Media
Design. University of Ghana, Legon. Accra.
Agyekum Kofi (1996) Akan Verbal taboo in the
Context of the Ethnography of the
Communication. M.Phil. Thesis. University
of Trondheim-Norway.
Benefo Kofi (1974) Ɔnantefoɔ. Accra: Bureau
Ghanaian Languages.
Finnegan, Ruth. 1985. Oral Literature in Africa.
Larendon Press, Oxford.
Finnegan, Ruth. 1995. Oral Poetry. Larendon
Press, Oxford
Finnegan, Ruth (1970) Oral Literature in Africa.
Nairobi: Oxford University Press Henderson.
Isidore, Okpewho. 1992. African Oral Literature.
Indiana University Press, Bloomington and
Indianapolis.
Hymnes Dell (1964) “Toward Ethnographies of
Communication:The Analysis of Communicative
Anomsεm Kasadwini
S. Sarpong
93
Events. In Language in social context (ed) pp
36-39. New York; Haper and Raw Publishers.
Nketia, J. H. (1955) Funeral Dirges of the Akan
People. University Press
Okpawho Isidore (1990) “The Oral Performance in
Africa”. Intec Printers limited, Ibadan.
Sarpong, Peter (1 974) “Ghana in Retrospect” Some
Aspects of Ghanaian Culture. Ghana Publishing
Corporation.