+ All Categories
Home > Documents > Noah and the Great Flood Twi CB...emmua no. Na Noa nyaa gyidie kɛse ɛ. ƆgyeeOnyankopɔndiiɛ, mpo...

Noah and the Great Flood Twi CB...emmua no. Na Noa nyaa gyidie kɛse ɛ. ƆgyeeOnyankopɔndiiɛ, mpo...

Date post: 04-Feb-2021
Category:
Upload: others
View: 1 times
Download: 0 times
Share this document with a friend
21
Noa ne nsuyire kɛseɛ no Mmofra Bible ɛda (nhoma yi) adi
Transcript
  • Noa ne nsuyire kɛseɛ no

    Mmofra Bible ɛda (nhoma yi) adi

  • (Nnipa no din) na ɔkyerɛw nhoma yi: Edward Hughes

    ... na ɛyɛɛ mfoni yi: Byron U.; Lazarus; Alastair P. ... na ɛdandan nsɛm yi: M. Maillot; Tammy S.

    ... na kyerɛɛ aseɛ kɔɔ ... : Christian Lingua ... na wɔyɛe nhoma yi: Bible for Children

    www.M1914.org

    BFC PO Box 3

    Winnipeg, MB R3C 2G1 Canada

    ©2021 Bible for Children, Inc.

    Tumi krataa: Wowɔ hokwan sɛ woyɛ nhoma yi photocopy anaasɛ wotintim nhoma yi, bere tenten a wontɔn.

  • Na Noa yɛ onipa. Na nnipa nyinaa mpɛ Onyankopɔn asɛm, na wɔyɛɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Da koro bi, Onyankopɔn kaa awerɛhosɛm bi. Onyankopɔn ɛka kyerɛɛ Noa sɛ, “Mɛsɛe wiase bɔne yi”. “Na megye w’abusua nkwa.”

  • Na Onyankopɔn bɔ Noa kɔkɔ sɛ ɔde nsuyire bɛ sɛe asaase yi. Na Onyankopɔn hyɛɛ Noa sɛ, “pam dua adaka kɛse bi a wu ne w’abusua ne mmoadoma nyinaa ɛbɛ kɔ mu.” Na Onyankopɔn maa Mose akwankyerɛ pɔtee bi. Na Mose hyɛɛ edwuma n’ase!

  • Nnipa dii Mose ho fɛw bere a ɔkyerɛkyerɛɛ

    mu nea enti a ɔɔpam dua adaka kɛse no.

    Noa kɔɔso pam

    adaka no.

    Ɔkɔɔso kaa Onyankopɔn

    asɛ ɛkyerɛɛ wɔn. Nanso obiara

    emmua no.

  • Na Noa nyaa gyidie kɛseɛ. Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ, mpo mmerɛ a na nsuo ɛntɔ da. Na nna a edi ekyiri no, Noa ewie adaka no pam, na

    ɛbɛdii mu sɛ wɔdi nneɛma nu

    ego mu.

  • Na mmoadoma no nyinaa ɛkɔɔ mu. Na Onyankopɔn hyɛɛ Noa sɛ wɔfa mmoa nson nson, ne mmienu mmienu. Na ewiem nnomaa, akɛseɛ ne nketewa, ewiram mmoa nso kɔɔ adaka no mu.

  • Ebetumi aba sɛ nkurɔfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sopaa Noa ɛbere a no wɔdi mmoa no ɛkɔ adaka no mu. Na nnipa kɔɔso yɛɛ bɔne atiaa Onyankopɔn. Wɔn ɛmbisa Noa mpo sɛ wɔbɛtumi akɔ adaka no mo.

  • Na awie ekyiri no, mmoadoma nyinaa ɛkɔɔ adaka no mu. Na Onyankopɔn se Noa sɛ, “Wo ne w’abusua, mommra adaka no mu.” Noa ne ne mma mmiɛnsa no, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu. Na Onyankopɔn too ɛpon no mu!

  • Na nsuo no tɔe. Na nsuyire no baa asase so adaduanan. Na nsuo no yirii na ɛkata kuropɔn ne nkuraase nyinaa so. Ebere a nsu no gyaee tɔ no, na nsua no akata mmepɔ nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ nkwan no wuiiɛ.

  • Na nsuo no yirii dodo wɔ asase so; maa adaka no tɛɛ nsuo no ani. Ebetumi aba sɛ na adaka no mu yɛ sum, anaa na ayi mmonkyimmɔnka, anaa na emu yɛ hu.

  • Na abosome nnum a nsuo no yirii akyi, Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so. Nkakrankakra, adaka no kɔsii Ararat mmepɔ so. Na Noa tenaa adaka no mu adaduanan ɛbere a na nsuo no ɛtwe no.

  • Na Noa buee adaka no mpomma no, na ɔsomaa aburuburo ne anene. Nanso aburuburo no annya ne nan sibea no, ɔsane baa Noa nkyɛn adaka no mu.

  • Na ɔtwɛn nnanson bio, na ɔsomaa aburuburo firii adaka no mu bio. Na aburuburo no baa ne nkyɛn a na ngo dua ahahan frɔmfrɔm tua n’ano. Nnawɔtwe a edi hɔ no, Noa hui sɛ nsu no atwe, efiri sɛ ɔsomaa aburuburo no, wansane amma ne nkyɛn bio.

  • Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ: Firi adaka no mu. Na Noa ne n’abusua no yii mmoadoma no nyinaa efirii adaka no mu.

  • Hwɛ sɛnea ɛsɔɔ Noa ani! Na Noa sii afɔrebukyia maa Onyankopɔn a ɔyii ɔno ne n’abusua efirii nsuyire no mu.

  • Na Onyankopɔn ne Noa pam apam soronko bi. Ɔnfa nsuyire nsɛe abɔdeɛ nyinaa bio nfa bun nipa atɛn. Na Onyankopɔn yɛ nsɛnkyerɛnneɛ di hyɛɛ n’apam no mu din. Na Onyankopɔn di nyankontɔn n’ɛyɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

  • Nsuyire akyiri no, Noa ne n’abusuafo no hyɛɛ abrabɔ foforɔ ase. Bere bi akyi no, Noa asefoɔ yɛɛ asaase so nyinaa mma mma. Ewiase amanaman nyinaa no yɛ Noa ne ne maa no asefoɔ.

  • Noa ne nsuyire kɛseɛ no

    Abakɔsɛm a efri Nayame asɛm mu, a ɛyɛ Bible no

    a ɛwɔ

    Gyenesis 6 - 10

    “Wo nsɛm mu bue ma hann.” Nnwom 119:130

  • Awieɛ

  • Bible yi mu asɛm ɛka yɛn Nyankopɔn nwonwafo no ho asɛm, nea ɔbɔɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yehu no yie.

    Nyankopɔn nim sɛ y’ayɛ bɔni bebre. Bɔne akatua

    ne owuo nanso ɛnam ɔdɔ kɛseɛ a ɔwɔ ma ne mma nti, ɔsomaa ne dɔ ba a ɔwoo koro no, Yesu, sɛ ommewu wɔ asɛndua no so ɛma yɛn bɔne. Yesu, soree firi awufoɔ mu, ɛna ɔkɔɔ soro. ɔbɛba aba tena wo mu, na wo ne no atena ase daa. Na sɛ wogye

    Yesu di, na sɛ wosrɛ ne hɔ bɔnefakyɛ a, wɔde bekyɛ wo! Wɔbɛba abɛtena wo mu, na wo ne nu atena daa daa.

    Sɛ wo gyi di sɛ nsɛm yi yɛ nokware a, ka nsɛm yi kyerɛ Onyakopɔn:

    Awurade Yesu, megye di sɛ woyɛ Onyankopɔn, na wofaa akoaa tebea ɛtoo ho so, me bɔne nti, na wotease daa. Mesrɛ wo sɛ bra m’abrabɔ mu na fa me bɔne kyɛ me, na me nya nkwa foforɔ, na

    daakye bi me ne wo atena ase daa. Boa me na me nyɛ osetie mma wo na me ntena ase mma wo sɛ wo ba. Amɛn

    Kekan Bible no na ɛne Onyankopɔn nkasa da biara! Yohane 3:16

    Slide Number 1Slide Number 2Slide Number 3Slide Number 4Slide Number 5Slide Number 6Slide Number 7Slide Number 8Slide Number 9Slide Number 10Slide Number 11Slide Number 12Slide Number 13Slide Number 14Slide Number 15Slide Number 16Slide Number 17Slide Number 18Slide Number 19Slide Number 20Slide Number 21


Recommended